YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 22

22
1 # Aso 7.2; 13.26 Anuanom ne agyanom, montie m’ano a mereyi makyerɛ mo yi! 2#Aso 21.40 Na wɔtee sɛ ɔrekasa Hebri kasa de kyerɛ wɔn no, wɔyɛɛ komm koraa. Na ɔse: 3#Aso 5.34 Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi. 4#Aso 8.3 Na metaa Ɔkwan yi de kɔɔ owuo mu. Mekyekyeree mmarima ne mmaa, na meyii wɔn maa wɔde wɔn kɔguu afiase, 5sɛdeɛ ɔsɔfo panin nso ne mpanimfoɔ nyinaa di me adanseɛ no. Wɔn nkyɛn nso na mekɔgyee nwoma sɛ mede merekɔma anuanom no, na mekɔɔ Damasko sɛ merekɔfa wɔn a wɔwɔ hɔ no nso nkyehoma mu maba Yerusalem, na wɔatwe wɔn aso.
6Na ɛbaa sɛ menam kwan so na mebɛnee Damasko no, ɛbɛyɛ awigyina no, mpofirim, hann kɛseɛ bi firi soro hyerɛn bɛtwaa me ho hyiae. 7Na mehwee fam, na metee nne bi a ɛsee me sɛ: Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me? 8Na mebuaa sɛ: Ɛyɛ wo hwan a, Awura? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ me Yesu Nasareni a wotaa no no. 9Na wɔn a wɔne me nam no hunuu hann no deɛ, nanso wɔante deɛ na ɔne me rekasa no nne. 10Na mekaa sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade? Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Damasko, na ɛhɔ na wɔbɛka wo adeɛ a wɔahyɛ sɛ yɛ nyinaa ho asɛm. 11Na hann no animuonyam amma manhunu adeɛ nti, wɔn a wɔne me nam no sosɔɔ me nsa, na wɔde me kɔɔ Damasko. 12Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔyɛ nyamesuroni, sɛdeɛ mmara no teɛ, a Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔ no din pa 13baa me nkyɛn bɛgyinaa hɔ ka kyerɛɛ me sɛ: Onua Saulo, hunu adeɛ! Na ɛdɔn no ara mu no memaa m’ani soɔ mehunuu no. 14Na ɔkaa sɛ: Yɛn agyanom Nyankopɔn ayi wo ato hɔ sɛ hunu ne pɛ a ɔpɛ, na hunu Ɔteneneeni no, na te nankasa ne nne. 15Na wobɛyɛ ne danseni, na woadi deɛ woahunu, na woateɛ ho adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa. 16Na afei, adɛn na worekyinkyim wo ho? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!
17Na ɛbaa sɛ mesane baa Yerusalem na merebɔ mpaeɛ asɔrefie no, m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, 18na mehunuu no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma wo ho nyɛ hare na firi Yerusalem ntɛm, ɛfiri sɛ wɔrennye w’adanseɛ a wobɛdi no me ho no. 19#Aso 22.4 Na mekaa sɛ: Awurade, wɔn ara wɔnim sɛ wɔn a wɔgye wo die no, mede wɔn meguu afiase, na mehwee wɔn hyia adan nyinaa mu. 20#Aso 7.58; 8.1 Na wɔrehwie wo danseni Stefano mogya aguo no, na me nso megyina hɔ, na mepenee so, na mehwɛɛ wɔn a wɔrekum no no ntadeɛ so. 21#Aso 9.15; 13.2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ, na mɛsoma wo mafiri ha akɔ akyirikyiri, amanaman mu.
Wɔkyere no
22 # Aso 21.36 Na wɔtiee no bɛduruu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi firi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase! 23Na wɔreteatea mu na wɔreto wɔn ntoma guo tu mfuturo gu ahunum no, 24ɔsafohene no hyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu, na ɔkaa sɛ wɔmfa mpire mmisa no, na ɔnhunu adekodeɛ a enti wɔbom gu ne soɔ yi. 25#Aso 16.37; 23.27 Na wɔde nhoma kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panin a ɔgyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wɔmmuu no fɔ mpire anaa? 26Na ɔha so panin no tee saa no, ɔkɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ: Ɛdeɛn na worebɛyɛ yi? Hwɛ, onipa yi yɛ Romani. 27Na ɔsafohene no ba bɛbisaa no sɛ: Woyɛ Romani a, ka kyerɛ me! Na Paulo se: Aane. 28Na ɔsafohene no buaa sɛ: Me deɛ, ɔmanbayɛ yi, mede sika pii na ɛtɔeɛ. Na Paulo se: Me deɛ, wɔde woo me. 29Ɛnna ntɛm ara wɔn a wɔrebɛbisa no no firii ne nkyɛn. Na ɔsafohene no tee sɛ ɔyɛ Romani no, ɔsuroo sɛ wakyekyere no.
Paulo gyina asɛnniiɛ
30Na adeɛ kyeeɛ no, na ɔpɛɛ sɛ ɔhunu adekodeɛ a enti Yudafoɔ totoo n’ano no mu nokorɛ nti, ɔsanee no firii ne nkyehoma mu, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne wɔn badwafoɔ nyinaa mmra, na ɔmaa wɔde Paulo ba bɛgyinaa wɔn anim.

Currently Selected:

Asomafoɔ 22: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in