Asomafoɔ 21
21
Paulo si mu kɔ Yerusalem
1Na ɛbaa sɛ yɛne wɔn dii ntetemu no, yɛsii mu nam nsuo ani tee baa Ko, na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Rode, na yɛfirii hɔ baa Patara. 2Na yɛhunuu suhyɛn bi a ɛrekɔ Foinike no, yɛkɔɔ mu, na yɛtui. 3Na yɛn ani tua Kipro no, yɛgya too benkum kɔɔ Siria, na yɛkɔsii fam Tiro; ɛfiri sɛ ɛhɔ na na suhyɛn no rekɔyi n’adesoa aguo. 4#Aso 21.11-12; 20.23 Na yɛkɔhunuu asuafoɔ no no, yɛtenaa hɔ nnanson, na wɔnam Honhom no so ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 5#Aso 20.36 Na yɛwiee nna no die no, yɛfirii hɔ tuu yɛn kwan, na wɔn nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyaa yɛn kwan de kɔsii sɛ yɛfirii kuro no mu, na yɛkotoo mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ. 6Na yɛkrakraa yɛn ho no, yɛkɔɔ suhyɛn no mu, na wɔsane kɔɔ fie.
7Na yɛfiri Tiro faa nsuo ani bɛduruu Ptolemai; na yɛkɔkyeaa anuanom no, yɛtenaa wɔn nkyɛn da koro. 8#Aso 8.40 Na adeɛ kyeeɛ no, yɛfiri hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ Ɔsɛmpakani Filipo a ɔka baason no ho fie kɔtenaa ne nkyɛn. 9#Aso 2.17 Na ɔwɔ mma, mmaabunu baanan a wɔhyɛ nkɔm.
10 #
Aso 11.28
Na yɛdii hɔ nna kakra no, odiyifoɔ bi a ne din de Agabo firi Yudea bae; 11#Aso 20.23 na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔsoɔ de kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ: Sɛdeɛ Honhom Kronkron seɛ ni: Ɔbarima a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no, Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekyere no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa. 12#Mat 16.22 Na yɛtee yeinom no, yɛne wɔn a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 13#Aso 20.24 Na Paulo buaa sɛ: Adɛn na moresu bubu m’akoma yi? Me deɛ, masiesie me ho sɛ Awurade Yesu din nti, ɛnyɛ ɛkyerɛ nko na wɔbɛkye me, na mpo mɛwu wɔ Yerusalem hɔ. 14Na ɔmpene so mma yɛn no, yɛgyaee kaa sɛ: Deɛ Awurade pɛ nyɛ hɔ.
15Na nna no akyiri no, yɛboaboaa yɛn ho kɔɔ Yerusalem. 16Na Kaesarea asuafoɔ no mu bi nso ne yɛn kɔe, na wɔde yɛn baa Mnason, Kiproni bi a ɔyɛ osuani dada, nkyɛn sɛ yɛnkɔtena hɔ.
Paulo kɔsra Yakobo wɔ Yerusalem
17Na yɛduruu Yerusalem no, anuanom no gyee yɛn fɛ so.
18 #
Aso 15.13; Gal 1.19 Na adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne yɛn kɔɔ Yakobo nkyɛn, na mpanimfoɔ no nyinaa baa hɔ bi. 19Na ɔkyeaa wɔn no, ɔkaa deɛ Onyankopɔn nam ne som so ayɛ amanaman no mu no mmaako mmaako kyerɛɛ wɔn.
20 #
Aso 15.1
Na wɔteeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ; Onua, wohunu Yudafoɔ mpempem a wɔagye adie a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden. 21#Aso 16.3; Rom 10.4 Na wɔate wo ho asɛm sɛ wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nyinaa sɛ wɔnnya Mose, na woka sɛ wɔnntwa wɔn mma twetia, na wɔnnni amanneɛ no so. 22Afei yɛnyɛ no dɛn? Ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛte sɛ woaba. 23#Aso 18.18 Enti yɛ deɛ yɛreka akyerɛ woɔ yi: Yɛwɔ mmarima baanan bi a wɔadi nseɛ. 24Fa wɔn, na wo ne wɔn nkɔdwira mo ho, na tua ka ma wɔn, na wɔnyi wɔn ti; na wɔn nyinaa nhunu sɛ, wo ho nsɛm a wɔteeɛ no biara nnim, na mmom wo ara nso wonam pɛpɛɛpɛ di mmara no so. 25#Aso 15.20; 15.29 Na amanaman a wɔagye adie no ho deɛ, yɛatwerɛ, na yɛabua sɛ wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afɔdeɛ ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wɔwuiɛ ne adwamammɔ ho. 26#Num 6.9-20 Ɛnna Paulo faa mmarima no, na adeɛ kyeeɛ a ɔne wɔn dwiraa wɔn ho no, ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie sɛ ɔrekɔkyerɛ ahodwira nna no wie a wɔbɛwie no, na wɔabɛbɔ afɔdeɛ ama wɔn nyinaa mmaako mmaako.
Nkurɔfokuo kye no
27Na nnanson no reyɛ aduru no, Yudafoɔ a wɔfiri Asia hunuu no asɔrefie no, wɔhwanyanee nnipa a ahyia hɔ no nyinaa maa wɔsɔɔ no mu teaa mu sɛ: 28#Aso 6.13; Hes 44.7 Israel mmarima, mommɛboa! Oyi ne onipa a ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa tia ɔman ne mmara ne ɛha yi, na ɔde Helafoɔ nso aba asɔrefie, de efi abɛka kronkronbea ha yi. 29#Aso 20.4; 2 Ti 4.20 Nso wɔhunuu ɔne Efesoni Trofimo wɔ kuro mu hɔ kane, enti wɔdwenee sɛ gyama Paulo de no akɔ asɔrefie hɔ. 30Na kuro no nyinaa bɔɔ twi, na nkurɔfoɔ no de mmirika bɛboaa ano; na wɔsɔɔ Paulo mu twee no firii asɔrefie hɔ, na ntɛm ara wɔtotoo apono no mu.
31Na wɔrehwehwɛ aku no no, asɛm no kɔduruu asraafoɔ apem so safohene no aso mu sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ sakasaka. 32Na ntɛm ara ɔfaa asraafoɔ ne ɔha so mpanimfoɔ, na ɔde mmirika kɔtoaa wɔn. Na wɔhunuu ɔsafohene ne asraafoɔ no no, wɔgyaee Paulo hweɛ. 33#Aso 21.11; 20.23 Ɛnna ɔsafohene no kɔ kɔsɔɔ ne mu, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no, na ɔbisaa onipa ko a ɔyɛ, ne deɛ wayɛ. 34Na nkurɔfokuo no mu binom teaa mu sɛɛ, na ebinom nso teaa mu sɛɛ. Na sakasaka no nti ɔntumi nhunu mu nokorɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu. 35Na ɔduruu ntwedeɛ no soɔ no, ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kitikiti nti, asraafoɔ no soaa no. 36#Aso 22.22; Luka 23.18 Na ɔman no mu nnipakuo kɛseɛ dii n’akyi teaa mu sɛ: Yi no hɔ!
Paulo yi ne ho ano
37Na wɔde Paulo rebɛkɔ aban no mu no, ɔbisaa ɔsafohene no sɛ: Mewɔ ho kwan sɛ meka asɛm bi mekyerɛ woɔ? Na ɔse: Wonim Hela kasa anaa? 38Ɛnyɛ wone Misraimni a nnaano ɔyɛɛ sakasaka, na ɔde mmarima awudifoɔ mpemnan kɔɔ serɛ soɔ no? 39#Aso 9.11 Na Paulo kaa sɛ: Meyɛ Yudani a mefiri Tarso, Kilikia kuro a ɛwɔ din pa ara no mu nipa ne me. Nanso mesrɛ wo, ma me kwan na menkasa menkyerɛ ɔman no. 40Na ɔmaa no kwan no, Paulo gyinaa ntwedeɛ no so de ne nsa nyamm nkurɔfoɔ no; na wɔyɛɛ komm no, ɔde Hebri kasa ne wɔn kasaa sɛ:
Currently Selected:
Asomafoɔ 21: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012