Asomafoɔ 23
23
1 #
Aso 22.1; 24.16 Na Paulo gyenee n’ani hwɛɛ abadwafoɔ no kaa sɛ: Anuanom, me deɛ, ahonim pa nyinaa na mede mabɔ me bra mama Onyankopɔn de abɛsi ɛnnɛ da yi. 2Na Ɔsɔfopanin Anania hyɛɛ wɔn a wɔgyina ne ho sɛ wɔmmɔ n’ano so. 3#Mat 23.27 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ na Onyankopɔn bɛbɔ woɔ, wo ɔfasuo a wɔahoa ho; na wote hɔ rebu me atɛn sɛdeɛ mmara no teɛ, nanso wobu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me? 4Na wɔn a wɔgyina hɔ no kaa sɛ: Nyankopɔn sɔfo panin na woya no yi? 5#Eks 22.28 Ɛnna Paulo kaa sɛ: Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Nka wo man panin ho asɛm bɔne!
6 #
Aso 22.3; 26.5 Na Paulo hunuu sɛ nnipa no fa yɛ Sadukifoɔ, na ɔfa nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaa mu badwa mu hɔ sɛ: Anuanom, meyɛ Farisini ne Farisifoɔ ba; awufoɔ sɔreɛ ne ɛho anidasoɔ nti na wɔrebu me atɛn yi. 7Na ɔkaa saa no, akasakasa baa Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam, na nnipakuo no mu paee. 8#Mat 22.23 Ɛfiri sɛ Sadukifoɔ ka sɛ awufoɔ sɔreɛ, anaa ɔbɔfoɔ, anaa honhom nni hɔ, na Farisifoɔ deɛ, wɔgye ne nyinaa di. 9#Aso 25.25; 5.39 Na wɔteateaa mu kɛseɛ, na Atwerɛfoɔ a wɔwɔ Farisifoɔ afa no sɔre kasakasaa sɛ: Yɛnhunu bɔne biara wɔ onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no ɛ?
10Na akasakasa no mu yɛɛ den no, ɔsafohene no suroo sɛ ebia wɔbɛtete Paulo mu nti, ɔhyɛɛ asraafoɔ no sɛ wɔnsiane mmɛhwim no mfiri wɔn nsam, na wɔmfa no nkɔ aban mu.
11 #
Aso 18.9; 19.21; 28.16; 28.23 Na anadwo no, Awurade bɛgyinaa ne nkyɛn kaa sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ Yerusalem ha yi no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wokɔdi adanseɛ wɔ Roma.
Wɔpam Paulo tiri so
12Na adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ no mu binom pam kekaa wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, nanso wɔrennom, gye sɛ wɔakum Paulo ansa. 13Na wɔn a wɔbɔɔ mu pamm ne tiri soɔ yi bɛboro aduanan. 14Na wɔbaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛakeka yɛn ho ntam sɛ hwee renka yɛn ano, gye sɛ yɛakum Paulo ansa. 15Enti afei mo ne badwafoɔ nkɔbɔ din nkyerɛ ɔsafohene no, na ɔmfa no mmrɛ mo, sɛdeɛ morebɛbisa ne ho asɛm no mu yie; na yɛn deɛ, ansa na ɔbɛduru ha no, yɛbɛku no.
16Na Paulo wɔfase tee wɔn tɛ no, ɔkɔ kɔhyɛnee aban no mu kɔyii Paulo asotire. 17Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ: Fa aberanteɛ yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no. 18Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kaa sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberanteɛ yi mmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo. 19Na ɔsafohene no sɔɔ ne nsa, na ɔne no kɔɔ fa baabi, na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wowɔ ka kyerɛ me? 20Na ɔse: Yudafoɔ apam sɛ wɔbɛsrɛ wo, na ɔkyena wode Paulo asiane aba edwam sɛdeɛ wɔrebɛbisa ne ho asɛm mu yie. 21Nanso ntie wɔn! Na wɔn mu mmarima bɛboro aduanan retɛ no; na wɔakeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi, na wɔrennom, gye sɛ wɔakum no ansa; na afei wɔasiesie wɔn ho, na wɔretwɛn sɛ wobɛma ho kwan.
22Ɛnna ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan, na ɔhyɛɛ no sɛ: Nka nkyerɛ obiara sɛ woayi me asotire!
Wɔde Paulo kɔma Felike wɔ Kaesarea
23Na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so mpanimfoɔ no mu baanu bi kaa sɛ: Monsiesie asraafoɔ ahanu na wɔnkɔ Kaesarea, ne apɔnkɔfoɔ aduɔson, ne mpɛmɛtofoɔ ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron berɛ mu. 24Na wɔnsiesie mmoa nso, na wɔmfa Paulo ntena so, mfa no dwoodwoo nkɔma Amrado Felike. 25Na ɔtwerɛɛ nwoma a emu asɛm se: 26Klaudio Lisia de yei kyea amrado pa Felike. 27#Aso 21.33; 22.25 Ɔbarima yi a Yudafoɔ kɔfaa no sɛ anka wɔbɛkum no na me ne dɔm kɔ kɔhwimm no no, mate sɛ ɔyɛ Romani. 28#Aso 22.30 Na mepɛɛ sɛ anka mehunu adekodeɛ a wɔde reto ne soɔ no, mede no mekɔɔ wɔn dwa mu; 29#Aso 23.6; 23.9; 18.14-15 na mehunuu sɛ wɔn mmara ho asɛmmisa nti na wɔne no wɔ nkuro, na wɔamfa biribi a ɛsɛ owuo anaa ɔkyerɛ anto no so. 30#Aso 24.8 Nanso wɔayi me asotire sɛ, nnipa bi retɛ ɔbarima no nti, merema wɔde no abrɛ wo, na mahyɛ ne nkurobɔfoɔ no nso sɛ wɔmmɛka deɛ wɔwɔ wɔ ne ho no wɔ w’anim.
31Ɛnna asraafoɔ no faa Paulo, sɛdeɛ wɔhyɛɛ wɔn no, na wɔde no kɔɔ Antipatri anadwo no. 32Na adeɛ kyeeɛ no, wɔmaa apɔnkɔfoɔ no ne no kɔe, na wɔsane baa aban no mu bio. 33Na wɔn deɛ, wɔduruu Kaesarea na wɔyii nwoma no maa amrado no, wɔde Paulo nso kɔgyinaa n’anim. 34#Aso 22.3 Na amrado no kenkan nwoma no wieeɛ, na ɔbisaa ɔman ko a ɔfiri mu, na ɔtee sɛ ɔfiri Kilikia no, 35ɔkaa sɛ: Wo nkurobɔfoɔ no ba a, na mɛtie woɔ. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no nsie Herode aban mu.
Currently Selected:
Asomafoɔ 23: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012