YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 18

18
Paulo wɔ Korinto
1Yeinom akyiri no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto. 2#Rom 16.3 Na ɔhunuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto, na ɔfiri Italia baa hɔ nkyɛreeɛ, ne ne yere Priskila, ɛfiri sɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma nkɔ. Paulo kɔɔ wɔn nkyɛn, 3#Aso 20.34; 1 Ko 4.12 na ɛnam sɛ ɔne wɔn yɛ adwuma baako nti, ɔtenaa wɔn nkyɛn yɛɛ adwuma; ɛfiri sɛ wɔyɛ ntomadanyɛfoɔ. 4Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu maa Yudafoɔ ne Helafoɔ gye diiɛ.
5 # Aso 17.14-15 Na Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nnam kaa asɛm no na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ Yesu ne Kristo no. 6#Aso 13.51; 20.26 Na wɔtuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporoo n’atadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ara mo atifi; me deɛ, me ho afi. Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman no mu.
7Ɛnna ɔfirii hɔ kɔɔ obi a ne din de Tito Yusto a ɔyɛ onyamesuroni, a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn. 8#1 Ko 1.14 Na hyiadan mu panin Krispo ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ, na Korintofoɔ mu bebree a wɔteeɛ no nso gye dii maa wɔbɔɔ wɔn asu. 9#1 Ko 2.3 Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo anisoadehunu mu anadwo sɛ: Nsuro, kasa, na mmua w’ano! 10#Yer 1.8; Yoh 10.16 Ɛfiri sɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfoɔ pii kuro yi mu. 11Na ɔtenaa hɔ afe ne abosome nsia kyerɛkyerɛɛ Nyankopɔn asɛm wɔ wɔn mu.
12Na Galio di Akaia amrado no, Yudafoɔ no de anokorɔ sɔre tiaa Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnnie adwa anim 13kaa sɛ: Oyi tu nnipa aso sɛ wɔnkwati mmara no nsom Onyankopɔn. 14#Aso 25.18-20 Na Paulo yɛɛ sɛ ɔrebɛbue n’ano no, Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Yudafoɔ, sɛ ɛyɛ adeɛ a ɛntene anaa abususɛm bi a, anka ɛsɛ sɛ metie mo; 15#Yoh 18.31 na sɛ ɛyɛ asɛm ne din ne mo mmara ho asɛmmisa bi deɛ a, ɛnneɛ mo ara monhwɛ! Na me deɛ, merenyɛ saa nsɛm yi temmufoɔ. 16Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ. 17Na Helafoɔ no nyinaa faa hyiadan mu panin Sostene hwee no asɛnniiɛ hɔ, nanso Galio ammu yeinom biara.
Paulo sane kɔ Antiokia
18 # Aso 21.24; Num 6.9; 6.18 Na Paulo kɔɔ so tenaa hɔ kyɛree kakra ara yie no, ɔkraa anuanom no, ɔfirii hɔ faa nsuo ani kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho; na ɔyii ne ti wɔ Kenkrea; ɛfiri sɛ na wadi nseɛ. 19Na wɔbaa Efeso, na ɔgyaa wɔn hɔ; na ɔno ara deɛ, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu dendeenden. 20Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛre kakra no, wampene. 21#1 Ko 4.19; Yak 4.15 Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane maba mo nkyɛn bio. Na ɔfirii Efeso sii nsuo ani. 22#Aso 21.15 Na ɔsii fam wɔ Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no, na ɔsane kɔɔ Antiokia.
23Na ɔkyɛree hɔ kakra no, ɔfirii hɔ kɔkyinii Galatia ne Frigia nkuro nyinaa mu hyɛɛ asuafoɔ no nyinaa den.
Apolo wɔ Efeso ne Korinto
24 # 1 Ko 3.6 Na Yudani bi a ne din de Apolo, a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano ateɛ na ɔyɛ nam wɔ twerɛsɛm no mu, baa Efeso. 25#Aso 19.3 Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan soɔ; na ɔyɛ hye honhom mu nti, ɔkasae, na ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ho nsɛm yie, nso Yohane asubɔ nkutoo na na ɔnim. 26Ɔfirii aseɛ de akokoɔduro kasaa hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila teeɛ no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ. 27Na ɔpɛɛ sɛ ɔbɛsene akɔ Akaia no, anuanom no hyɛɛ no den, na wɔtwerɛɛ nwoma kɔsrɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnnye no. Na ɔduruu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam adom so agye adie no pii. 28#Aso 9.22; 17.3 Na ɔde n’asɛm kaa Yudafoɔ no gui wɔ badwam, nam twerɛsɛm so kyerɛɛ pefee sɛ Yesu ne Kristo no.

Currently Selected:

Asomafoɔ 18: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in