Asomafoɔ 19
19
Paulo wɔ Efeso
1Na ɛbaa sɛ berɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so, na ɔbɛduruu Efeso; na ɔbɛtoo asuafoɔ bi no, 2#Aso 2.38 ɔbisaa wɔn sɛ: Mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn mpo sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi. 3Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn mu na wɔbɔɔ mo asu hyɛeɛ? Na wɔse: Yohane asubɔ mu. 4#Mat 3.11 Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakyera asu mmom, ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, wɔnnye deɛ ɔdi n’akyiri reba a ɔne Yesu no nni. 5Na wɔteeɛ no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu hyɛɛ Awurade Yesu din mu. 6#Aso 8.17; 10.44; 10.46 Na Paulo de ne nsa guu wɔn soɔ no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔkaa kasa ahodoɔ pii, na wɔhyɛɛ nkɔm. 7Na wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dummienu.
8Na ɔkɔɔ hyiadan mu de akokoɔduro kaa asɛm abosome mmiɛnsa, kyerɛkyerɛɛ mu yie ama wɔagye Nyankopɔn ahennie ho asɛm no adi. 9#2 Ti 1.15; Aso 9.2 Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa. 10Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm.
Skewa mma baason ho asɛm
11 #
Aso 14.3
Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenneɛ a wɔnka, 12#Aso 5.15 na ɛmaa wɔde ne ho nnuku anaa nsɛnanimu mpo bɛguu ayarefoɔ so, na nyarewa no firii wɔn so, na ahonhommɔne firii wɔn mu.
13 #
Luka 9.49
Ɛnna Yudafoɔ bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔ wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so. 14Yudani sɔfo panin Skewa mma baason bi na wɔyɛɛ saa. 15Na honhommɔne no buaa sɛ: Menim Yesu, na menim Paulo, na mone hwannom? 16Na onipa a honhommɔne no wɔ ne mu no to hyɛɛ wɔn so yɛɛ wɔn pasaa, na wɔde adagya ne pira dwane firii efie no mu. 17#Aso 5.5; 5.11 Na Yudafoɔ ne Helafoɔ a wɔte Efeso nyinaa teeɛ no, ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse.
18Na wɔn a wɔagye adie no mu pii ba bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn nkokoam nsɛm. 19Na wɔn a na wɔyɛ asumanneɛ no mu bebree de wɔn nwoma ba bɛhyee no wɔ nnipa nyinaa anim; na wɔbuu ne boɔ ano hunuu sɛ ɛsi nnwetɛbena ɔpeduonum. 20#Aso 6.7; 12.24 Sɛdeɛ Awurade asɛm nam ahoɔden so nyiniiɛ na ɛyɛɛ den ne no.
21 #
Aso 23.11
Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso. 22#Aso 17.14; Rom 16.23 Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ ɔkyɛree wɔ Asia kakra.
Demetrio sakasakayɛ
23 #
Aso 19.9; 2 Ko 1.8-9 Ɛberɛ no ara mu sakasaka a ɛbaa Ɔkwan no ho nyɛ adewa. 24#Aso 16.16 Ɛne sɛ, dwetɛdwumfoɔ bi a ne din de Demetrio a ɔde dwetɛ yɛ Artemi asɔredan nsɛsoɔ ma adwumfoɔ nya mfasoɔ kɛseɛ 25boaa wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma yi bie no ano kaa sɛ: Awuranom, monim sɛ adwinnie yi mu na yɛnya yɛn ho. 26Na mohunu, na mote aseɛ sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛrekame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfoɔ bebree aso, adane wɔn ani, ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame. 27Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛeɛ, na mmom ɔbosombaa kɛseɛ Artemi asɔrefie rekɔyɛ sɛ wɔmmu no hwee bio, na n’animuonyam kɛseɛ a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no. 28Na wɔteeɛ no, wɔn bo fui pa ara, na wɔteateaa mu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ! 29#Aso 20.4 Na basabasa hyɛɛ kuro no ma, na wɔde adwenkorɔ bɔɔ kirididi kɔɔ ahwɛeɛ kɔkyeree Makedoniafoɔ Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no. 30Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔhyɛne nkurɔfokuo no mu, nanso asuafoɔ no amma no kwan. 31Na Asia mpanimfoɔ bi nso a wɔyɛ ne nnamfo soma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ ahwɛeɛ hɔ. 32Na afei ebinom retea mu sɛɛ, na afoforɔ retea mu sɛɛ, ɛfiri sɛ na badwa no mu ayɛ sakasaka, na na ɔfa kɛseɛ no ara nnim adekodeɛ a enti wɔbɛhyiaeɛ. 33Afei nnipa bi pempemm Aleksandro sɛ ɔnkasa, ɛfiri sɛ ɔno na Yudafoɔ no de no adi wɔn anim. Na Aleksandro nyamm nkurɔfokuo no pɛɛ sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfoɔ no. 34Nanso wɔhunuu sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne korɔ teaa mu bɛyɛ nnɔnhwereɛ mmienu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!
35Na ɔtwerɛfoɔ no pataa nkurɔfokuo no sɛ: Efesofoɔ, onipa bɛn mpo na ɔnnim sɛ Efesofoɔ kuro yɛ Artemi kɛseɛ asɔrefie ne ohoni a ɛfiri Seus bɛduruiɛ so hwɛfoɔ? 36Na obiara nnye yei ho akyinnyeɛ nti, ɛsɛ sɛ moyɛ komm, na mommfa abufuo nnyɛ biribiara. 37Nnipa a mode wɔn aba ha yi nguu asɔrefie ho fi, na wɔnkaa yɛn bosombaa ho abususɛm. 38Enti sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne amradofoɔ wɔ hɔ; momma wɔmmɛbɔ nkuro. 39Na sɛ morehwehwɛ nsɛm foforɔ ho biribi a, wɔbɛdi no badwa a wɔhyia mu daa sɛdeɛ mmara no teɛ. 40Na anhwɛ a, yɛbɛnya nnɛ sakasaka yi ho amane, ɛfiri sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yɛnni asɛm biara a yɛde bɛtumi akyerɛ gyegyeegye yi aseɛ. 41Na ɔkaa saa no, ɔmaa edwa no tui.
Currently Selected:
Asomafoɔ 19: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012