Asomafoɔ 17
17
Sakasakayɛ ba Tesalonika
1 #
1 Te 2.2
Na wɔtwaa mu wɔ Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafoɔ hyiadan wɔ. 2Na sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda mmiɛnsa ne wɔn kɔyɛɛ twerɛ nsɛm ho mpɛnsɛnpɛnsɛm. 3#Luka 24.26-27; 24.45-46 Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Na ɔse: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no. 4Na wɔn mu binom gye dii, na wɔde wɔn ho bɔɔ Paulo ne Silas ho, wɔne Helafoɔ nyamesurofoɔ no mu pii ne mmaa mpanimfoɔ no mu fa kɛseɛ.
5Na Yudafoɔ no ani bereeɛ, na wɔfaa ahuhufoɔ no mu nnipa bɔne bi kaa wɔn ho, na wɔmaa nkurɔfoɔ no bɔɔ bum bɛhyiae, na wɔdanee kuro no ani butui, na wɔkɔtwaa Yason dan ho hyiaeɛ, hwehwɛɛ sɛ wɔyi wɔn firi adi de wɔn kɔma nkurɔfoɔ no. 6#Aso 16.20 Na wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom no bi kɔmaa kuro no mu mpanimfoɔ, na wɔteateaa mu sɛ: Yeinom a wɔadane wiase ani abutuo no aba ha nso! 7#Luka 23.2 Na Yason agye wɔn. Nso wɔn nyinaa bu Kaesare mmara no so ka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu. 8Na nkurɔfoɔ no ne ɔman mpanimfoɔ no tee yei no, ɛhaa wɔn pa ara. 9Na Yason ne wɔn a aka no dii agyinamu maa wɔn no, wɔgyaa wɔn ma wɔkɔe.
Paulo ne Silas kɔ Beroia
10Na ntɛm ara anuanom no gyaa Paulo ne Silas kwan anadwo kɔɔ Beroia; na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu. 11#Yoh 5.39 Yudafoɔ a ɛwɔ ha no yɛ animdefoɔ sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa na wɔhwehwɛ twerɛsɛm no mu sɛ nnoɔma no te saa anaa. 12Enti wɔn mu bebree gye dii, wɔne Helafoɔ mmaa a wɔwɔ din ne mmarima no mu fa kɛseɛ ara.
13 #
1 Te 2.14
Na Yudafoɔ a wɔfiri Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Nyankopɔn asɛm Beroia nso no, wɔbaa hɔ bɛhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso. 14#Aso 16.1 Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano; na Silas ne Timoteo deɛ, wɔtenaa hɔ. 15Na wɔn a wɔkɔgyaa Paulo no de no kɔɔ Atene. Ɔkraa wɔn sɛ Silas ne Timoteo mmra ne nkyɛn ntɛmntɛm no, wɔsii mu kɔe.
Paulo ne Yudafoɔ ne Helafoɔ nkɔmmɔbɔ
16Na Paulo retwɛn wɔn wɔ Atene na ɔhunuu sɛ kuro no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ no ahometeɛ pa ara. 17Enti hyiadan mu, na ɔne Yudafoɔ ne nyamesurofoɔ no yɛɛ nhwehwɛmu dendeenden, na edwa mu nso, daa na ɔne wɔn a ɔbɛto wɔn no dii anobaebaeɛ. 18#1 Ko 4.12 Na Epikurofoɔ ne Stoafoɔ anyansapɛfoɔ bi nso ne no di anobaebaeɛ. Ebinom kaa sɛ: Ɔpɔtɔni yi se deɛn nie? Na ebinom se: Wayɛ sɛdeɛ ɔka abosom ahɔhoɔ bi ho asɛm. (Na ɔreka wɔn Yesu ne owusɔreɛ ho asɛmpa no.) 19Ɛnna wɔfaa no de no kɔɔ Areopago kaa sɛ: Wobɛtumi akyerɛ yɛn nkyerɛkyerɛ foforɔ yi ase? 20Ɛfiri sɛ nsɛm a wode aba yi yɛ yɛn aso mu asɛm foforɔ. Enti yɛpɛ sɛ yɛhunu deɛ ɛkyerɛ. 21Nso Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena hɔ nyinaa nni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforɔ bie.
22Na Paulo gyinaa Areopago mfimfini kaa sɛ: Atene mmarima, mahunu sɛ mowɔ gyidie wɔ nnoɔma pii mu dodo. 23Ɛfiri sɛ meretwa mu na mehwɛɛ nnoɔma a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi nso a wɔatwerɛ so sɛ: Onyame a wɔnni no dea. Enti deɛ monnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi. 24#Aso 7.48 Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu, 25#Dwom 50.12 nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛ deɛ ɛhia no biribie. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne ade nyinaa; 26#Deut 32.8 na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn 27#Yes 55.6 sɛ wɔnhwehwɛ Awurade sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware. 28Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛdeɛ mo nnwontofoɔ binom nso aka sɛ:
Ɛfiri sɛ n’abusua nso ne yɛn.
29 #
Gye 1.27; Yes 40.18 Na ɛnam sɛ yɛyɛ Nyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔboɔ, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adie. 30#Aso 14.16; Luka 24.47 Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmerɛ ahodoɔ a wɔnnim no so, na afei deɛ, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, 31#Aso 10.42; Rom 10.14 ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.
32Na wɔtee awufoɔ sɔreɛ no, ebinom dii fɛw, na ebinom kaa sɛ: Yɛbɛtie wo wɔ asɛm yi ho bio. 33Enti Paulo firii wɔn nkyɛn kɔeɛ. 34Nso nnipa bi de wɔn ho bɔɔ ne ho, na wɔgye diiɛ; wɔn mu bi ne Dionisio a ɔka Areopago kuo ho ne ɔbaa bi a ne din de Damari ne ebinom a wɔka wɔn ho.
Currently Selected:
Asomafoɔ 17: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012