Asomafoɔ 16
16
Timoteo ka wɔn ho wɔ Listra
1 #
Aso 17.14; 19.22; 2 Ti 1.5 Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani. 2#Aso 6.3 Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa. 3Ɔno na Paulo pɛɛ sɛ ɔne no korɔ, na Yudafoɔ a wɔwɔ fa mu hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia, ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa nim sɛ n’agya yɛ Helani. 4#Aso 15.23-29 Na wɔretwa mu nkuro no mu no, wɔde mmara a asomafoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no hyɛɛ sɛ wɔnni soɔ no maa wɔn. 5Ɛnna asafo ahodoɔ no yɛɛ den gyidie mu, na wɔkɔɔ so dɔree daa.
Paulo anisoadehunu wɔ Troa
6 #
Aso 18.23
Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, ɛfiri sɛ Honhom Kronkron sii wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia. 7Na wɔduruu Misia ntentensoɔ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan. 8Enti wɔsianee Misia ho baa Troa.
9Na anadwo no, Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twa mu bra Makedonia bɛboa yɛn! 10Na ɔhunuu anisoadeɛ no ara pɛ na yɛpɛɛ sɛ yɛkɔ Makedonia, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn ampa sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.
11Ɛnna yɛsii suhyɛn mu tu firii Troa de mmirika tene baa Samotrake. Na adeɛ kyeeɛ no, yɛbaa Neapoli. 12Na yɛfirii hɔ kɔɔ Filipi a ɛyɛ Makedonia mansini kuropɔn mu. Na yɛdii kuro yi mu nna kakra.
Lidia adwensakyera
13Na homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asuo bi ho baabi a yɛsusuu sɛ wɔbɔ mpaeɛ hɔ. Na yɛtenaa aseɛ no, yɛkasa kyerɛɛ mmaa a wɔabɛhyia hɔ no. 14#Yoh 6.44 Na ɔbaa bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira kuro mu, a ɔsom Onyankopɔn tiee; na Awurade buee n’akomam sɛ ɔntie deɛ Paulo reka no. 15Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.
Afenaa bi ayaresa
16 #
Aso 19.24
Na ɛbaa sɛ yɛrekɔ bɔ mpaeɛ no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom bɛhyiaa yɛn; nso na ɔde nkɔmhyɛ ama ne wuranom anya wɔn ho sɛ. 17#Mar 1.24; 1.34 Ɔno na ɔdii Paulo ne yɛn akyiri teaa mu sɛ: Nnipa yi ne Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagyeɛ kwan. 18#Mar 16.17 Na ɔyɛɛ yei nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahomete, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Firi adi firi ne mu! Na dɔn no ara mu ɔfirii adi. 19Na ne wuranom hunuu sɛ wɔn mfasoɔ abɔ wɔn no, wɔsɔɔ Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ edwa mu mpanimfoɔ anim, 20#Aso 17.6; 1 Ah 18.17 na wɔde wɔn kɔmaa asafohene sɛ: Nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔretane yɛn kuro yi ani, 21na wɔkyerɛ amanneɛ bi a yɛnni ho kwan sɛ yɛgyeɛ anaasɛ yɛyɛ, ɛfiri sɛ yɛyɛ Romafoɔ. 22#2 Ko 11.25; Flp 1.30; 1 Te 2.2 Na nkurɔfokuo no nso sɔre tiaa wɔn, na asafohene no yii wɔn ho ntadeɛ hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23Na wɔkaa wɔn mmaa pii no, wɔde wɔn kɔguu afiase hyɛɛ ofiasehwɛfoɔ no nsa sɛ ɔmfa wɔn nsie yie. 24Na ɔno nso, wɔhyɛɛ no saa no, ɔde wɔn kɔguu afiase a ɛwɔ mfimfini no mu, na ɔde wɔn nan bobɔɔ dua mu.
Ofiasehwɛfoɔ no adwensakyera
25Na dasuo mu no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafoɔ no tieeɛ. 26Na mpofirim ara asasewosoɔ kɛseɛ maa afiase no nnyinasoɔ wosoe, na amonom hɔ ara apono no nyinaa buebuee, na wɔn nyinaa ahoma sanesanee. 27Na ofiasehwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne nkrantɛ sɛ anka ɔrebɛdi ne ho awu, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no adwane. 28Na Paulo de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha. 29Na ɔbisaa kanea de mmirika bae, na ɔde ahopopoɔ bɛhwɛɛ Paulo ne Silas anim, 30#Aso 2.37 na ɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa? 31Na wɔse: Gye Awurade Yesu di, na wɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nkwa. 32Na wɔkaa Awurade asɛm kyerɛɛ ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne fie nyinaa. 33Na ɔfaa wɔn anadwo dɔn no ara mu hohoroo wɔn akuro no, na ɔmaa wɔbɔɔ ɔne wɔn a wɔyɛ ne fiefoɔ nyinaa asu amonom hɔ ara. 34Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn.
35Na adeɛ kyeeɛ no, asafohene no somaa asraafoɔ baa sɛ: Gyaa nnipa no na wɔnkɔ. 36Na ofiasehwɛfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Paulo sɛ: Asafohene no asoma sɛ wɔnnyaa mo mma monkɔ; enti afei momfiri adi nkɔ dwoodwoo. 37#Aso 22.25 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔammu yɛn atɛn, na wɔahwe yɛn a yɛyɛ Romafoɔ edwa mu, na wɔde yɛn agu afiase, afei ansa na wɔpɛ sɛ wopamo yɛn kodɛɛ anaa? Dabi da, na ma wɔn ara wɔmmɛyi yɛn. 38Na asraafoɔ no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ asafohene no; na wɔtee sɛ wɔyɛ Romafoɔ no, wɔsuroeɛ. 39Na wɔba bɛpaa wɔn kyɛw maa wɔn dibem, na wɔyii wɔn srɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu nkɔ. 40Na wɔfirii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Na wɔhunuu anuanom no, wɔkyekyeree wɔn werɛ, na wɔfiri hɔ kɔeɛ.
Currently Selected:
Asomafoɔ 16: ASW
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012