YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 11

11
Osuboni Yohane ahoyera
(Luka 7.18-35)
1Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu. 2#Mat 14.3 Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafoɔ 3#Mal 3.1 kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan? 4Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ, na monkɔka deɛ moteɛ na mohunu yi nkyerɛ Yohane: 5#Yes 35.3-6; 61.1 Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ. 6#Mat 13.57; 26.31 Na nhyira ne deɛ merento no suntidua.
Yesu di Yohane ho adanseɛ
7 # Mat 3.1; 3.5 Na yeinom rekorɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim anaa? 8Anaasɛ ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu. 9#Luk 1.76 Anaasɛ adɛn nti na mofirii adie? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ mpo. 10#Mal 3.1 Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ:
Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim
a ɔbɛsiesie w’anim kwan.
11 # Mat 13.17 Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane suboni; nanso deɛ ɔyɛ ketewa koraa wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no. 12#Luk 16.16; 13.24 Na ɛfiri Osuboni Yohane berɛ so bɛsi nnɛ wɔyɛ ɔsoro ahennie no ho adeɛ anibereɛ so, na wɔn a wɔn ani abereɛ no fa no aniɛden so. 13Na adiyifoɔ no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm bɛsii Yohane so. 14#Mal 4.5; Mat 17.10-13 Na sɛ mopɛ sɛ mogye a, oyi ne Elia a ɔreba no. 15Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!
Yudafoɔ akomapirim
16 Na hwan ho na mede nnɛ mma yi bɛtoɔ? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔtete edwa ase refrɛfrɛ wɔn mfɛfoɔ sɛ:
17 # Mmb 29.9 Yɛahyɛne atɛntɛbɛn ama mo na moansa;
yɛatwa agyaadwo ama mo, na mo werɛ anho.
18 # Mat 3.4 Na Yohane baeɛ, ɔnnidi na ɔnnom, na wɔse: Ɔwɔ honhommɔne. 19#Mat 9.14-15 Onipa ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na wɔse: Hwɛ, odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.
Korasin, Betsaida ne Kapernaum
(Luka 10.12-15)
20Ɛnna ɔfirii aseɛ kaa nkuro a na wayɛ ne tumideɛ pii wom no anim sɛ wɔansakyera wɔn adwene no sɛ: 21#Yona 3.6 Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada. 22Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Tiro ne Sidon asene mo. 23#Mat 4.13; 8.5; 9.1 Na wo Kapernaum,
wɔbɛma wo so akɔ soro anaa?
Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando;
ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ. 24#Mat 10.15 Nso mese mo sɛ, atemmuda no, ɛbɛfanyinam Sodom asase asene wo.
Agya no ayeyie
(Luka 10.21-22)
25 # 1 Ko 1.26-29 Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. 26Aane, Agya, saa na ɛyɛ anisɔ w’anim. 27#Mat 28.18; Yoh 3.35; 17.2; Flp 2.9 M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no. 28#Mat 12.20; Yer 31.25 Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. 29Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra. 30#1 Yoh 5.3 Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.

Currently Selected:

Mateo 11: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in