Mateo 10
10
Asuafoɔ dummienu no yie
(Marko 6.7-13; Luka 9.1-5)
1Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.
(Marko 3.13-19; Luka 6.12-16)
2Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane, 3Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo, 4Simon a ɔfiri Kana ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no nso.
Asomafoɔ no adwuma
(Marko 6.7-13; Luka 9.1-6)
5Dummienu yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmane nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛne Samariafoɔ kuro biara mu, 6#Mat 15.24; Aso 13.46 na mmom monkɔ Israel fie nnwan a wɔayera no nkyɛn! 7#Mat 4.17; Luk 10.9 Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahennie no abɛn. 8#Aso 20.23 Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa! 9Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔsoɔ mu, 10#Luk 10.4; 1 Ti 5.18; Num 18.31 monnhwehwɛ akwantuo bɔtɔ anaa ntadeɛ mmienu anaa mpaboa anaa poma; na ɛfata odwumayɛfoɔ sɛ ɔdidiiɛ. 11Na kuro anaa akuraa biara a mobɛhyɛne mu no, mommisa deɛ ɔfata wɔ hɔ, na ɛhɔ na montena nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akorɔ. 12#Luk 10.5-6 Na mohyɛne efie bi mu a, monkyea emufoɔ no. 13Na sɛ ɛfata efie no a, mo asomdwoeɛ mmra so; na sɛ ɛmfata no a, mo asomdwoeɛ nsane mmra mo nkyɛn. 14#Luk 10.10-12; Aso 13.51; 18.6 Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo nsɛm no, mofiri efie anaa kuro no mu rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo. 15#Mat 11.24; Luk 20.47 Nokorɛ mese mo sɛ, atemmuo da no, ɛbɛfanyinam Sodom ne Gomora asase no asene saa kuro no.
Ɔtaa ho nkɔmhyɛ
(Marko 13.9-13; Luka 21.12-17)
16 #
Luk 10.3; Rom 16.19; Efe 5.15 Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo. 17#Mat 24.9 Na monhwɛ mo ho yie nnipa ho; na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ adwa, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu. 18#Mat 24.14; Aso 25.23; 27.24 Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman. 19#Luk 12.11-12 Na sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaa deɛ mobɛka, na wɔde deɛ mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu. 20#1 Ko 2.4 Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom mo Agya Honhom no na ɔkasa mo mu. 21#Mat 10.35 Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofoɔ, na wɔama wɔakum wɔn. 22#Mat 24.9; 24.13 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa. 23#Mat 16.28 Na sɛ wɔtaa mo kuro yi mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu; na nokorɛ mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba. 24#Luk 6.40; Yoh 13.16; 15.20 Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nsene ne wura. 25#Mat 12.24 Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ?
Deɛ ɛsɛ sɛ wɔsuro no
(Luka 12.2-9)
26 #
Mar 4.22; Luk 8.17 Enti monnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adie, anaa ahunta a wɔrenhunu. 27Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi. 28#Yak 4.12 Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu. 29Wɔntɔn mpatuprɛ mmienu nnye kaprɛ? Nanso wɔn mu baako mpo nkwati mo Agya nhwe fam. 30Na mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. 31Enti monnsuro! Mosene mpatuprɛ bebree. 32Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim; 33#Luk 9.26 na obiara a ɔbɛpa me wɔ nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.
Ɔko di asomdwoeɛ anim
(Luka 12.51-53)
34 Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ baa asase so; ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ, na mmom nkrantɛ.
35 Na meba mebɛpaepaee mu na ɔbarima asɔre atia n’agya,
na ɔbabaa asɔre atia ne na,
na aseɛ asɔre atia n’asebaa;
36 #
Mika 7.6
na onipa fiefoɔ bɛyɛ n’atamfo. 37#Deut 33.9; Luk 14.26-27 Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me, 38#Mat 16.24 na deɛ ɔmfa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔmfata me. 39#Luk 17.33; Yoh 12.25 Deɛ ne nsa aka ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra firi ne nsa no, ne nsa bɛka.
Asomafoɔ no tumi
40 #
Mat 18.5; Luk 10.16; Yoh 13.20 Deɛ ɔgye mo no gye me, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no. 41Deɛ ɔgye odiyifoɔ wɔ odiyifoɔ din mu no, ne nsa bɛka odiyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye onipa tenenee wɔ onipa tenenee din mu no, ne nsa bɛka onipa tenenee akatua. 42#Mat 25.40; Mar 9.41 Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.
Currently Selected:
Mateo 10: ASWDC
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.