1
Mateo 11:28
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.
Compare
Explore Mateo 11:28
2
Mateo 11:29
Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.
Explore Mateo 11:29
3
Mateo 11:30
Na me kɔnnua yɛ mmerɛ, na m’adesoa yɛ hare.
Explore Mateo 11:30
4
Mateo 11:27
M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.
Explore Mateo 11:27
5
Mateo 11:4-5
Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ, na monkɔka deɛ moteɛ na mohunu yi nkyerɛ Yohane: Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.
Explore Mateo 11:4-5
6
Mateo 11:15
Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!
Explore Mateo 11:15