1
Mateo 10:16
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.
Compare
Explore Mateo 10:16
2
Mateo 10:39
Deɛ ne nsa aka ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra firi ne nsa no, ne nsa bɛka.
Explore Mateo 10:39
3
Mateo 10:28
Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.
Explore Mateo 10:28
4
Mateo 10:38
na deɛ ɔmfa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔmfata me.
Explore Mateo 10:38
5
Mateo 10:32-33
Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim; na obiara a ɔbɛpa me wɔ nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.
Explore Mateo 10:32-33
6
Mateo 10:8
Monsa ayarefoɔ yadeɛ, monnyane awufoɔ, momma akwatafoɔ ho mfi, montu ahonhommɔne; moanya no kwa, na momfa mma kwa!
Explore Mateo 10:8
7
Mateo 10:31
Enti monnsuro! Mosene mpatuprɛ bebree.
Explore Mateo 10:31
8
Mateo 10:34
Monnsusu sɛ mede asomdwoeɛ baa asase so; ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ, na mmom nkrantɛ.
Explore Mateo 10:34