Nanso na ne tadua kura no pintinn,
na ne basa mu yɛɛ den.
Efi Yakob tumfo no nsam,
efi ɔhwɛfo a ɔyɛ Israel botan no mu.
Efi w'agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo,
na efi Tweaduampɔn hɔ, onhyira wo,
ɔmfa ɔsorosoro nhyira,
ne ebun a ɛtrɛtrɛw ase mu nhyira,
ne nufu ne yafunu mu nhyira, nhyira wo.