Na ohyiraa Yosef sɛ: Onyankopɔn a m'agyanom Abraham ne Isak nantew n'anim no, Onyankopɔn a wayɛn me me nkwa nna nyinaa de abesi nnɛ, abɔfo a woyii me bɔne nyinaa mu no nhyira mmofra yi, na wɔmfa me din ne m'agyanom Abraham ne Isak din mfrɛ wɔn, na wɔnnɔɔso nyɛ pii wɔ asase mfinimfini.