1
Gyenesis 50:20
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na mo de, mudwen me ho bɔne, nanso Onyankopɔn de, na ɔde rebɛyɛ papa, sɛ ɔbɛyɛ nea ada adi nnɛ yi, sɛ obegye nnipa pii nkwa.
Compare
Explore Gyenesis 50:20
2
Gyenesis 50:19
Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro, na migyina Onyankopɔn ananmu anaa?
Explore Gyenesis 50:19
3
Gyenesis 50:21
Na afei munnsuro. Na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyee wɔn werɛ twaa wɔn bo tɔɔ wɔn yam.
Explore Gyenesis 50:21
4
Gyenesis 50:17
Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumɔyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, efisɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w'agya Nyankopɔn nkoa amumɔyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ no no, Yosef sui.
Explore Gyenesis 50:17
5
Gyenesis 50:24
Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebetiw nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabeyi mo afi asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.
Explore Gyenesis 50:24
6
Gyenesis 50:25
Na Yosef maa Israel mma kaa ntam, na ɔkae sɛ: Ampa ara Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na monsoa me nnompe mfi ha nkɔ.
Explore Gyenesis 50:25
7
Gyenesis 50:26
Na Yosef wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du. Na wɔhyɛɛ n'amu no aduru na wɔde no too adaka mu wɔ Misraim.
Explore Gyenesis 50:26