YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 49:3-4

Gyenesis 49:3-4 RATB

Ruben, m'abakan ne wo, m'ahoɔden ne me mmaninyɛ asefi. Wowɔ nidi a ɛkyɛn so, ne tumi a ɛkyɛn so. Wuhinhim sɛ nsu, enti wo kanni befi wo nsa, efisɛ woforoo w'agya nnae. Ɛno mu na wuguu wo ho fi, me mpa na ɔforoe!