1
Kolosefo 3:13
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mmoma mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.
Compare
Explore Kolosefo 3:13
2
Kolosefo 3:2
Munnwen nea ɛwɔ soro, na ɛnyɛ nea ɛwɔ asase so.
Explore Kolosefo 3:2
3
Kolosefo 3:23
Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi akoma mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa
Explore Kolosefo 3:23
4
Kolosefo 3:12
Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ timmɔbɔ, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo ne abodwokyɛre.
Explore Kolosefo 3:12
5
Kolosefo 3:16-17
Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree; monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho nyansa nyinaa mu, momfa sanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛw so wɔ mo koma mu mma Onyankopɔn. Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.
Explore Kolosefo 3:16-17
6
Kolosefo 3:14
Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.
Explore Kolosefo 3:14
7
Kolosefo 3:1
Enti, sɛ moanya ne Kristo anyan a, monhwehwɛ nea ɛwɔ soro, nea Kristo te hɔ wɔ Onyankopɔn nifa.
Explore Kolosefo 3:1
8
Kolosefo 3:15
Na momma Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua biako mu; na monnyɛ boniayɛfo.
Explore Kolosefo 3:15
9
Kolosefo 3:5
Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: Aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.
Explore Kolosefo 3:5
10
Kolosefo 3:3
Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahintaw Onyankopɔn mu
Explore Kolosefo 3:3
11
Kolosefo 3:8
Na afei mo de, munyi abufuw, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.
Explore Kolosefo 3:8
12
Kolosefo 3:9-10
Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho efisɛ moayi onipa dedaw no ne ne nneyɛe agu, na moahyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo aba nimdeɛ mapa mu a egyina nea ɔbɔɔ no no suban so
Explore Kolosefo 3:9-10
13
Kolosefo 3:19
Okununom, monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometew.
Explore Kolosefo 3:19
14
Kolosefo 3:20
Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa ho, na eyi na ɛsɔ Awurade ani.
Explore Kolosefo 3:20
15
Kolosefo 3:18
Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu.
Explore Kolosefo 3:18
Home
Bible
Plans
Videos