1
Kolosefo 2:6-7
KYERƐW KRONKRON
RATB
Enti sɛnea mugyee Awurade Kristo Yesu no, monnantew no mu saa ara, sɛ wɔn a wɔagye ntini, na wɔde wɔn asi no so, na wɔayɛ den gyidi mu, sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu.
Compare
Explore Kolosefo 2:6-7
2
Kolosefo 2:8
Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ so, na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum
Explore Kolosefo 2:8
3
Kolosefo 2:13-14
Na mo a anka moyɛ awufo, esiane mo mfomso ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mo mfomso nyinaa akyɛ yɛn, na wapopaa ahyɛde no mu nkyerɛwee a etia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afi kwan mu
Explore Kolosefo 2:13-14
4
Kolosefo 2:9-10
efisɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa te nipadua mu, na moayɛ ma wɔ no mu: Ɔno na ɔyɛ mpanyinni ne tumidi nyinaa ti
Explore Kolosefo 2:9-10
5
Kolosefo 2:16-17
Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduan anaa anonne anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa home nna fam, na eyinom yɛ nneɛma a ɛbɛba no ho mfonini bi ara, na nea edi mu ara ankasa no ne Kristo.
Explore Kolosefo 2:16-17
Home
Bible
Plans
Videos