Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie, adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”