1
Marko 6:31
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Yesu tiee wɔn amaneɛ no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwe yɛn ho mfiri nnipakuo yi ho, na yɛnkɔhome kakra.” Deɛ ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wɔnnya ɛkwan mpo na wɔadidi.
Compare
Explore Marko 6:31
2
Marko 6:4
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ kurom, nʼabusuafoɔ mu, ne ne fie na ɔnni animuonyam.”
Explore Marko 6:4
3
Marko 6:34
Yei enti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia wɔ hɔ. Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, na wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wɔhunu.
Explore Marko 6:34
4
Marko 6:5-6
Wantumi anyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ, gye ayarefoɔ kakra bi na ɔde ne nsa guu wɔn so, saa wɔn yadeɛ. Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwanwa. Na Yesu kyinkyinii nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ.
Explore Marko 6:5-6
5
Marko 6:41-43
Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! Nnipa a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum
Explore Marko 6:41-43
Home
Bible
Plans
Videos