YouVersion Logo
Search Icon

Marko 7

7
Honhom Fam Ahoteɛ
1Ɛda bi, Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ binom a wɔfiri Yerusalem baa Yesu nkyɛn. 2Wɔduruu hɔ no, wɔhunuu sɛ nʼasuafoɔ no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho. 3Na Yudafoɔ no, ne titire no Farisifoɔ no, nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ, ansa na wɔadidi. 4Na sɛ wɔfiri dwa so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Yei yɛ mmara bebree a wɔfiri tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne nwowa mu.
5Enti, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni yɛn amanneɛ a ɛfiri tete no so? Ɛfiri sɛ, wɔdidi a, wɔnni ɛkan nhohoro wɔn nsa sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ no.”
6Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ,
“ ‘Saa nnipa yi de wɔn ano na ɛdi me ni,
nanso wɔn akoma mmɛn me ho baabiara no yɛ nokorɛ turodoo!
7 Wɔsom me kwa;
na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’
8 Mogya Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanneɛ si ananmu.
9 “Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanneɛ no atim. 10Ɛho nhwɛsoɔ bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni’ no maa. Ɔkaa sɛ, ‘obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne maame no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.’ 11Nanso, moka sɛ, ɛyɛ sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne maame a adeɛ bi hia no no sɛ, ‘Merentumi mmoa mo! Ɛfiri sɛ, mede deɛ anka ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’ 12Enti, mobu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛeɛ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi abɔ mo amanneɛ ho ban. 13Yei yɛ nhwɛsoɔ baako pɛ. Nanso, bebree ka ho.”
14Afei, Yesu frɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa montie asɛm a mereka yi yie, na monte aseɛ. 15Adeɛ biara a ɛkɔ onipa mu no, ngu ne ho fi. Na mmom, deɛ ɛbɛfiri onipa mu aba no, na ɛgu ne ho fi. 16Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no ntie.”
17Afei, Yesu firii nnipakuo no mu kɔɔ efie no, nʼasuafoɔ no bisaa no asɛm a ɔkaeɛ no ase. 18Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso monte asɛm a mekaeɛ no ase? Monhunu sɛ, deɛ modie no ngu mo ho fi anaa? 19Ɛfiri sɛ, deɛ modie biara no ne mo akoma nni hwee yɛ, na mmom, ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”
20Ɔtoaa so sɛ, “Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi. 21Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie, 22adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. 23Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”
Ɔbaa Bi Gyidie
24Yesu firi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Ɛda a ɔduruu hɔ ara pɛ, na nkurɔfoɔ tee ne nka sɛ waba hɔ. 25Ɛhɔ ara na ɔbaa bi a honhommɔne hyɛ ne babaa ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka enti, ɔbɛbuu no nkotodwe. 26Ɔbaa no srɛɛ no sɛ ɔntu saa honhommɔne no mfiri ne ba no mu mma no. Na saa ɔbaa yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike.
27Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ mma no mee ansa. Na ɛnyɛ sɛ wɔde mma aduane ma nkraman.”
28Ɔbaa no nso buaa no sɛ, “Owura, ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso ɛyɛ a, wɔde aduane a aka wɔ mmɔfra no prɛte mu no bi ma nkraman a wɔhyehyɛ ɛpono no ase no.”
29Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo mmuaeɛ pa no enti, masa wo babaa no yadeɛ. Kɔ efie. Honhommɔne no afiri ne mu afi.”
30Ɔduruu efie no, ɔhunuu sɛ ne babaa no da mpa so dinn a honhommɔne no afiri ne mu ampa ara.
Mumu Sotifoɔ Bi Ayaresa
31Yesu firi Tiro no, ɔfaa Sidon mansini a emu nkuro yɛ edu no so, bɛduruu Galilea Po so. 32Wɔde ɔsotifoɔ bi a ɔsane yɛ mumu brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefoɔ no, na ɔnsa no yadeɛ.
33Yesu sɔɔ ne mu de no firii nnipakuo no mu. Afei, ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasuo de kaa ne tɛkrɛma. 34Ɔhwɛɛ soro, guu ahome teaam sɛ, “Hefata!” Aseɛ ne, “bue!” 35Amonom hɔ ara, ɔbarima no tumi tee asɛm, na ɔhyɛɛ aseɛ kasaeɛ!
36Yesu bɔɔ nnipakuo no ano sɛ, wɔmmmɔ asɛm no dawuro nkyerɛ obiara. Nanso, mpɛn dodoɔ a ɔbraa wɔn no, na trɛ ara na wɔn nso wɔretrɛ asɛm no mu. 37Saa asɛm yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. Enti, wɔkaa sɛ, “Yesu ayɛ adeɛ nyinaa yie, ɔma asotifoɔ mpo te asɛm, na mumu nso kasa!”

Currently Selected:

Marko 7: ASNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in