Otumfoɔ AWURADE Honhom wɔ me so,
ɛfiri sɛ, Awurade asra me ngo
sɛ menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.
Wasoma me sɛ, menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ,
sɛ me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔ
na wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu,
sɛ mempae mu nka AWURADE adom no ho asɛm,
ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da.
Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ,
na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia,
na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ
nsi nsõ anan mu;
anigyeɛ ngo
nsi awerɛhoɔdie anan mu,
ayɛyie atadeɛ
nsi abasamutuo honhom anan mu.
Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum
deɛ AWURADE adua
de ada nʼanimuonyam adi.