Yesaia 61:1-3
Yesaia 61:1-3 ASNA
Otumfoɔ Awurade Honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ, Awurade asra me ngo sɛ menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ. Wasoma me sɛ, menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ, sɛ me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔ na wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu, sɛ mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm, ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da. Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ, na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia, na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ nsi nsõ anan mu; anigyeɛ ngo nsi awerɛhoɔdie anan mu, ayɛyie atadeɛ nsi abasamutuo honhom anan mu. Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum deɛ Awurade adua de ada nʼanimuonyam adi.





