1
Yesaia 62:4
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
Wɔremfrɛ wo atugya bio, anaa wʼasase sɛ amanfo. Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefoɔ ɛfiri sɛ AWURADE ani bɛgye wo ho, na ɔbɛware wʼasase.
Compare
Explore Yesaia 62:4
2
Yesaia 62:6-7
Mede awɛmfoɔ agyinagyina wʼafasuo so Ao, Yerusalem; wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo. Mo a musu frɛ AWURADE no, monnhome koraa, na mommma ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛma Yerusalem atim na wayɛ no deɛ asase nyinaa bɛkamfo.
Explore Yesaia 62:6-7
3
Yesaia 62:3
Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ wɔ AWURADE nsam, ne adehyeɛ abɔtiten wɔ wo Onyankopɔn nsam.
Explore Yesaia 62:3
4
Yesaia 62:5
Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no, saa ara na wo mmammarima bɛware wo; sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no, saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho.
Explore Yesaia 62:5