1
Yesaia 60:1
Asante Twi Nkwa Asɛm
ASNA
“Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so.
Compare
Explore Yesaia 60:1
2
Yesaia 60:3
Amanaman bɛba wo hann no mu, na Ahemfo bɛba wo adekyeɛ hann no mo.
Explore Yesaia 60:3
3
Yesaia 60:2
Hwɛ, esum akata asase so na esum kabii akata aman no so, nanso AWURADE apue wo so na nʼanimuonyam ada adi wɔ wo so.
Explore Yesaia 60:2
4
Yesaia 60:22
Mo mu akumaa koraa bɛdɔre ayɛ apem, na ketewa no ayɛ ɔman kɛseɛ. Mene AWURADE; na ne berɛ mu, mɛyɛ yei ntɛm so.”
Explore Yesaia 60:22
5
Yesaia 60:19
Owia renyɛ wo hann adekyeɛ mu bio na ɔsrane hann renhyerɛn wo so, ɛfiri sɛ, AWURADE bɛyɛ wo daapem hann, na wo Onyankopɔn bɛyɛ wo animuonyam.
Explore Yesaia 60:19
6
Yesaia 60:20
Wʼawia rentɔ bio, wo srane rennum bio, AWURADE bɛyɛ wo daapem hann, na wʼawerɛhoɔ nna to bɛtwa.
Explore Yesaia 60:20
7
Yesaia 60:5
Afei wobɛhwɛ na wʼanim ate, wʼakoma bɛbɔ na anigyeɛ ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ ɛpo so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahodeɛ nso bɛba wo nkyɛn.
Explore Yesaia 60:5
8
Yesaia 60:4
“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia: wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn; wo mmammarima fifiri akyirikyiri, na wɔkura wo mmammaa wɔ abasa so.
Explore Yesaia 60:4
9
Yesaia 60:21
Na afei wo nkurɔfoɔ nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. Wɔyɛ adeɛ a madua na afefɛ me nsa ano adwuma a ɛbɛda mʼanimuonyam adi.
Explore Yesaia 60:21
10
Yesaia 60:18
Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio, anaa mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ wɔ wʼahyeɛ so. Na mmom wobɛfrɛ wʼafasuo sɛ Nkwagyeɛ ne wʼapono sɛ Ayɛyie.
Explore Yesaia 60:18
11
Yesaia 60:11
Wʼapono ano bɛdeda hɔ ɛberɛ biara, wɔrentoto mu awia anaa anadwo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo, a wɔn ahemfo di nkonimdie santen no anim.
Explore Yesaia 60:11
12
Yesaia 60:6
Yoma akuakuo bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforɔ a wofiri Midian ne Efa. Na wɔn a wɔfiri Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhwam na wɔpae mu ka AWURADE ayɛyie.
Explore Yesaia 60:6
13
Yesaia 60:10
“Ananafoɔ bɛto wʼafasuo no bio, na wɔn ahemfo bɛsom wo. Ɛwom sɛ mede abufuo asɛe wo deɛ, nanso menam adom so bɛhunu wo mmɔbɔ.
Explore Yesaia 60:10
14
Yesaia 60:15
“Ɛwom sɛ wɔapa wʼakyi atane wo, a obiara ntu kwan mfa wo mu, nanso mɛyɛ wo ahohoahoadeɛ a ɛte hɔ daa ne awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anigyedeɛ.
Explore Yesaia 60:15
15
Yesaia 60:16
Wobɛnom amanaman nufosuo no na woanum adehyeɛ nufoɔ. Afei wobɛhunu sɛ me AWURADE, me ne wo Agyenkwa, wo gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ no.
Explore Yesaia 60:16