1
Mateo 9:37-38
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfoɔ mmra ne twa adwuma no mu!
Compare
Explore Mateo 9:37-38
2
Mateo 9:13
Na monkɔ nkɔsua yei ase: Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.
Explore Mateo 9:13
3
Mateo 9:36
Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.
Explore Mateo 9:36
4
Mateo 9:12
Na ɔteeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no.
Explore Mateo 9:12
5
Mateo 9:35
Na Yesu kyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.
Explore Mateo 9:35