1
Mateo 7:7
Apam Foforɔ
BBTP
Hommisa, na bɛde bɛma ho; honhwehwɛ, na hobehu; hommom, na bebebie pono he ama ho.
So sánh
Khám phá Mateo 7:7
2
Mateo 7:8
Na biaa a obisa he, ne nsa ka, na biaa a ɔhwehwɛ he, ohu, na biaa a obom he bebie pono he ma no.
Khám phá Mateo 7:8
3
Mateo 7:24
“Nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔyɔ bɛyɛ sɛ nyansani a osii ne dane abotane so.
Khám phá Mateo 7:24
4
Mateo 7:12
Nti adeɛ biaa a hopɛ sɛ nnipa yɔ ma ho he, honyɔ saa mma bɛ; na yei ne nea mmara he ne adiyifoɔ he ka.
Khám phá Mateo 7:12
5
Mateo 7:14
Na pono teaa, ɔne kwane teaa he so fa ɔdene na ɔno ne kɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi ne hu saa pono ne kwane he.
Khám phá Mateo 7:14
6
Mateo 7:13
Homfa pono teaa he mu nwuram; na kwane deɛ ɔkɔ sɛeɛ mu he pono trɛ na so fa ɔmmerɛ, na dodoɔ ne fa saa kwane he so.
Khám phá Mateo 7:13
7
Mateo 7:11
Na afei sɛ ho a hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ mpo de nnepa mma ho mma a, ɔbɛyɛ dɛ ne ho Agya a ɔya soro he ɔmmfa nnoɔma pa mma bɛ a bebisa no!
Khám phá Mateo 7:11
8
Mateo 7:1-2
Hommmu atɛne, na bɛammu ho atɛne. Na atɛne a hobu he ɔnoaa ne bɛde bebu ho, na deɛ wode susu he, ɔno ne bɛde besusu ama ho.
Khám phá Mateo 7:1-2
9
Mateo 7:26
Nso nipa biaa a otie me nsɛm yi na ɔnnyɔ he bɛyɛ sɛ bi a onnim nyansa a osii ne dane anweam.
Khám phá Mateo 7:26
10
Mateo 7:3-4
Mmɛ nti ne wohwɛ wo yɔnko ani ase mfrɛ, na wonnwene mpuna a ɔda w’ani so he ho? Anaa mmɛ nti ne wotumi ka kyerɛ wo yɔnko sɛ, Mma menyi w’ani ase mfrɛ berɛ a mpuna da so da w’ani so?
Khám phá Mateo 7:3-4
11
Mateo 7:15-16
Honhwɛ yie atorɔ adiyifoɔ ho, bɛ a bɛfira dwane nwoma ba ho nkyɛne nso bɛ mu paa deɛ bɛyɛ mpataku. Bɛ aduaba ne hode behu bɛ. Bɛtete bobe nkasɛe so anaa bɛtete borɔdoma hwerɛmo so?
Khám phá Mateo 7:15-16
12
Mateo 7:17
Saa nso ne dua pa biaa so aba pa, na dua bɔne so aba bɔne.
Khám phá Mateo 7:17
13
Mateo 7:18
Dua pa ntumi nso aba bɔne, saa nso ne dua bɔne ntumi nso aba pa.
Khám phá Mateo 7:18
14
Mateo 7:19
Dua biaa a ɔnso aba pa he betwa to twene gya mu.
Khám phá Mateo 7:19