1
Mateo 13:23
Apam Foforɔ
BBTP
Na deɛ beguu no asaase pa so he, ɔno ne nipa a ɔte asɛm he a ɔte aseɛ, na ɔsõ aba bebree, bi mmɔho ha, bi nso mmɔho aduosia, bi nso mmɔho aduasa.”
So sánh
Khám phá Mateo 13:23
2
Mateo 13:22
Na deɛ beguu no nkasɛe mu he, ɔno ne nipa a ɔte asɛm he a, wiase adwendwene ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm he, na ne saa nti, ontumi nso aba biaa.
Khám phá Mateo 13:22
3
Mateo 13:19
Sɛ bi te ahennie he ho asɛm na ɔnnte aseɛ a, bɔnefoɔ he ba behwim deɛ bɛagu no na akomam he; yei ne deɛ beguu no kwankyɛne he.
Khám phá Mateo 13:19
4
Mateo 13:20-21
Na deɛ beguu no abotane so he, ɔno ne nipa a ɔde anigyeɛ gye asɛm he ntɛntɛm; nso saa nipa he nni nyinasoɔ, nso ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm he nti, sɛ amaneɛ anaa ɔtaa ba pɛ, ntɛmaa, saa nipa he sane n’akyi.
Khám phá Mateo 13:20-21
5
Mateo 13:44
“Soro ahennie he te sɛ agyapadeɛ a bɛde asie asaase bi so, na bi huiɛ na ɔkata so; na ɔde ho anigyeɛ kɔtɔnoo deɛ ɔwɔ nyinaa kɔtɔɔ asaase he.
Khám phá Mateo 13:44
6
Mateo 13:8
Aba he bi nso koguu asaase pa mu na ɔsoo aba bebree, bi mmɔho ha, bi mmɔho aduosia, bi mmɔho aduasa.
Khám phá Mateo 13:8
7
Mateo 13:30
“Homma ne nyinaa mmom nyini nkosi twaberɛ; na oduru twaberɛ a mɛka akyerɛ twafoɔ he sɛ, Honni kane nsesa wura he na honkyekyere no akuoakuo nkɔhye no, na ayuo he deɛ honsesa nkogu m’apata so.’ ”
Khám phá Mateo 13:30