Marko 13
13
Asɔrefie no ho nkɔmhyɛ
(Mateo 24; Luka 21.5-36)
1Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ bi ne aban bi! 2Na Yesu see no sɛ: Woahunu adan akɛseɛ yi? Wɔrennya ɔboɔ a ɛda ɔboɔ so a wɔrennwiri ngu fam.
Nnoɔma a ɛbɛdi akyire
3Na ɔte Ngo Bepɔ no so asɔrefie ntentensoɔ no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: 4Kyerɛ yɛn ɛberɛ ko a yeinom bɛyɛ hɔ, na yeinom nyinaa rebɛba mu a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne deɛn? 5Na Yesu fitii aseɛ see wɔn sɛ: Monhwɛ, na obi annaadaa mo. 6Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii. 7Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo akoma nntutu. Na ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ. 8Na ɔman bɛsɔre ɔman so na ahennie asɔre ahennie so, na asasewosoɔ bɛba mmeammea, na ɛkɔm bɛba. Yeinom ne awoɔko yea mfitiaseɛ.
Ɔtaa ne asɛmpa no ka
(Mateo 10.17-22; Luka 21.12-17)
9 Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn. 10#Mar 16.15 Na ɛtwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kane! 11Na sɛ wɔde mo rekɔ akɔyi mo ama a, monnnwennwene deɛ mobɛka ho ansa; na deɛ wɔde bɛma mo ɛdɔn no ara mu no, ɛno na monka, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mokasa, na ɛyɛ Honhom Kronkron no ara.
12 Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre awofoɔ so, na wɔama wɔakum wɔn. 13Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.
Akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman
14 #
Dan 9.27; 12.4; 12.10 Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ; 15na deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no nnsiane mmma fam, nanso ɔnnhyɛne mu mmmɛfa biribi ne fie. 16Na deɛ ɔwɔ afuo mu no nnsane n’akyi mmmɛfa ne ntoma. 17Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue!
18 Na mommɔ mpaeɛ na amma awɔ berɛ mu. 19#Dan 12.1 Na nna no bɛyɛ ahohiahia a ɛfiri Nyankopɔn adebɔ mfitiaseɛ de bɛduru nnɛ, ebi mmaa saa da, nanso ɛremma saa bio. 20Na sɛ Awurade antwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; na wɔn a wɔayi wɔn, a wɔyii wɔn no nti, watwa nna no so.
21 Na ɛno na sɛ obi se mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! Anaasɛ: Hwɛ, ɔwɔ hɔ! no a, monnnye nnni. 22Na Kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo. 23Na mo deɛ, monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo.
Onipa ba no ba
24 Na nna no mu ahohiahia no akyiri no,
owia bɛduru sum,
na ɔsrane renhyerɛn,
25 na ɔsoro nsoromma bɛtutu ahwe fam,
na ɔsoro ahoɔden awoso.
26 Na ɛno na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛseɛ ne animuonyam reba mununkum mu. 27#Mat 13.41 Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, ɛfiri asase ano kɔpem ɔsoro ano.
28 Monsua borɔdɔma ho bɛ no. Sɛ ne mman nya yɛ frɔmfrɔm, na ɛreyiyi ahahan a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn. 29Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ yeinom aba a, monhunu sɛ abɛn, na aduru apono ano! 30Nokorɛ mese mo sɛ: Awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ yeinom nyinaa aba ansa. 31Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ ɛrentwam da. 32Na ɛda no ne dɔn no deɛ, obi nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ soro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko. 33Monhwɛ yie, monwɛn, na mommɔ mpaeɛ! Na monnim ɛda ko a ɛberɛ no bɛduro. 34#Mat 25.14; Luka 19.12 Ɛte sɛ onipa a watu kwan agya ne fie, na wama ne nkoa tumi, na wama wɔn nyinaa wɔn adwuma mmaako mmaako, na wahyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ sɛ ɔnwɛn! 35#Luka 12.38 Enti monwɛn! Na monnim da ko a efiewura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasuo mu anaa akokɔbɔneeɛ anaa anɔpa, 36na wammɛfiri mo mpofirim ammɛhu mo sɛ moadeda. 37Na deɛ mese mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa sɛ: Monwɛn!
ទើបបានជ្រើសរើសហើយ៖
Marko 13: ASW
គំនូសចំណាំ
ចែករំលែក
ចម្លង

ចង់ឱ្យគំនូសពណ៌ដែលបានរក្សាទុករបស់អ្នក មាននៅលើគ្រប់ឧបករណ៍ទាំងអស់មែនទេ? ចុះឈ្មោះប្រើ ឬចុះឈ្មោះចូល
The Bible Society of Ghana, 2012

: