1
Luka 6:38
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Momma, na wɔama mo; susukoraa pa a wɔamia soɔ, na wɔawosoɔ, na abu soɔ na wɔde bɛgu mo ntoma mu. Na susukoraa a mode susuo no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo bio.
ប្រៀបធៀប
រុករក Luka 6:38
2
Luka 6:45
Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi adepa adie, na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi adebɔne adie; na ɛfiri deɛ ayɛ akoma ma aboro soɔ no mu na ano ka.
រុករក Luka 6:45
3
Luka 6:35
Na monnɔ mo atamfoɔ, na monyɛ yie na momfɛm wɔ deɛ ani nni biribi soɔ, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ deɛ ɔwɔ sorosoro no mma, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔyɛ ma bonniayɛfoɔ ne nnipa bɔne.
រុករក Luka 6:35
4
Luka 6:36
Enti monyɛ ntimmɔborɔ sɛdeɛ mo agya nso yɛ ntimmɔborɔ no.
រុករក Luka 6:36
5
Luka 6:37
Nanso mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn; mommmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.
រុករក Luka 6:37
6
Luka 6:27-28
Na mese mo a mote yi sɛ: Monnɔ mo atamfoɔ, monyɛ wɔn a wɔtane mo yie, monhyira wɔn a wɔdome mo, mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔha mo!
រុករក Luka 6:27-28
7
Luka 6:31
Na sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara!
រុករក Luka 6:31
8
Luka 6:29-30
Deɛ ɔbɔ w’aso baako mu no, dane baako no nso ma no. Na deɛ ɔfa w’atadeɛ nkatasoɔ no, mfa w’atadeɛ nhyɛaseɛ nso nkame no! Obiara a ɔsrɛ woɔ no, ma no! Na deɛ ɔgye w’adeɛ no, mmisa no bio!
រុករក Luka 6:29-30
9
Luka 6:43
Na dua pa biara nni hɔ a ɛso aba bɔne, nanso dua bɔne biara nni hɔ a ɛso aba pa.
រុករក Luka 6:43
10
Luka 6:44
Na dua biara n’aba na wɔde hunu. Wɔntete borɔdɔma wɔ nkasɛɛ so, nanso wɔntete obobe aba wɔ nwerɛ so.
រុករក Luka 6:44
គេហ៍
ព្រះគម្ពីរ
គម្រោងអាន
វីដេអូ