YouVersion Logo
Search Icon

Romafoɔ 16

16
Nkyea
1Afei medi yɛ nuabaa Foibe, somfoɔ a ɔya Kenkrea asafo mu ho adanse-pa kyerɛ ho, 2sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛgye no Awurade mu sɛ anidie a ɔfata ahoteefoɔ, na hommoa no nea obebisa ho nyinaa ho, efiri sɛ waboa nnipa bebree a meaa nso meka ho bi.
3 # Aso 18:2; 18:26 Honkyea Priska ne Akwila, bɛ a bɛ ne meyɔ adwuma Kristo Yesu mu, 4na bekuu bɛ ho maa me, me nkwa ho, na meda bɛ ase, ɔnyɛ bɛ nkoa na mmom Amanamane mufoɔ asafo he nyinaa nso ka ho bi. 5#1 Ko 16:19; 16:15 Honkyea asafo a ɔya bɛ fie he nso. Honkyea me dɔfo Epaineto, a ɔyɛ Kristo mu abakane ya Asia he. 6Honkyea Maria a, wayɔ adwuma dene paa ho mu he. 7#2 Ko 8:23 Honkyea Androniko ne Yunia, m’abusuafoɔ a na bɛka me ho afiase; bɛ a bedi mu asomafoɔ he mu, na bɛya Kristo mu ansa na meeba. 8Honkyea Amplia a ɔyɛ me dɔfo Awurade mu. 9Honkyea Urbano a ɔyɛ me yɔnko Kristo mu dwumayɔni, ne me dɔfoɔ Staki. 10Honkyea Apele, a ɔsɔ ani Kristo mu. Honkyea bɛ a befiri Aristobulo abusua mu. 11Honkyea me busuani Herodion. Honkyea Narkiso abusuafoɔ a bɛya Awurade mu. 12Honkyea adwumayɔfoɔ a bɛya Awurade mu, Trifaina ne Trifosa. Honkyea dɔfoɔ Persi a wayɔ adwuma dene Awurade mu. 13#Mar 15:21 Honkyea Rufo a, bɛayi no Awurade mu; na honkyea ne maame—a ɔyɛ me nso me maame. 14Honkyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom a bɛka bɛ ho. 15Honkyea Filologo, Yulia, Nereo ɔne ne nuabaa, ne Olimpa, ne ahoteefoɔ a bɛ ne bɛya hɔ he. 16#1 Ko 16:20 Honkyeakyea ho ho dɔ kwane so. Kristo asafo he nyinaa kyea ho.
Nkyerɛkyerɛ a otwa toɔ
17 # Mat 7:15; Tit 3:10 Anuanom, mehyɛ ho nkurane sɛ, honhwɛ ho ho yie bɛ a bɛde mpaepaemu ne sintiduatoɔ, de ko tia nkyerɛkyerɛ a hoasua he; hontwe ho ho mfiri bɛ ho, 18#Flp 3:19; Hes 13:18; Kol 2:4 efiri sɛ nnipa a bɛte saa he nsom yɛ Awurade Kristo, na mmom bɛsom bɛ a bɛ akɔnnɔ, na bɛde kɛtrɛma dɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm daadaa bɛ a bennim bɔne he akoma. 19#Rom 1:8; 1 Ko 14:20 Nti ɔma m’ani gye ho ho, mepɛ sɛ honya nnepa ho nyansa, na honte ho ho mfiri bɔne ho koraa. 20#Rom 15:32 Asomdwie Nyankopɔn he bɛpɛkyɛ Satan ho nane ase ntɛm. Yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho ho.
21 # Aso 16:1-2; 19:22; 20:4; Flp 2:19 Timoteo, me yɔnko dwumayɔni, ne Lukio ne Yason ne Sosipatro a bɛyɛ m’abusuafoɔ kyea ho.
22Me Tertio a meetwerɛ Paulo ano asɛm yi, me nso mekyea ho Awurade mu.
23 # 1 Ko 1:14; Aso 19:22 Gaio a ɔyɛ me ne asafo he nyinaa fiewura nso kyea ho. Erasto, kurom ha sikakorafoɔ, ne yɛ nua beema Kwarto nso kyea ho. 24[Yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho nyinaa. Amen.]
Nhyirasɛm a otwa toɔ
25 # Efe 1:9; 3:5; 3:9 Afei Nyankopɔn a otumi hyɛ ho dene sɛnea m’asɛmpa he teɛ ne Yesu Kristo ho asɛnka, sɛnea adiyie ahintasɛm a bɛde siee teteete 26#2 Ti 1:10; Rom 1:5 nso afei deɛ bɛayi no adi, na ɔnam adiyifoɔ ntwerɛe so a bɛama Amanamane mufoɔ bɛahu, sɛnea daa daa Nyankopɔn hyɛeɛ he, sɛ ɔde setie a ɔkɔ gyidie mu— 27#1 Ti 1:17; Yuda 25 Nyankopɔn a ɔno ne nyansafoɔ korɔ he, animuonyam mfa Yesu Kristo so, nka no daa! Amen.

Currently Selected:

Romafoɔ 16: BBTP

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in