1 Korintofoɔ NNIANIMU
NNIANIMU
Krataa a odi kane a Paulo de kɔmaa Korintofoɔ he hwɛ haw a ɔya Akristofoɔ asetena ne bɛ gyidie mu a ɔbaa asafo a ɔno ankasa kobiee no Korinto he. Saa berɛ he na Korinto yɛ Helafoɔ kuropɔn a ɔya Roma mantam Akaia mu. Nnoɔma a ɔda nso ya kuro yi ho ne dwadie, adwamammɔ ne som ahodoɔ. Afei nso, na Korintofoɔ he susu sɛ bɛwɔ amammerɛ pa; na na bɛde yei hoahoa bɛ ho.
Somafoɔ Paulo haw kɛseɛ paa ne mpaepaemu ne adwamammɔ a na ɔya asafo he mu, ne nsemmisa a ɔfa beema ne baa nna mu ne awareɛ ho, nsɛm a ɔfa tiboa, asafo he mu nhyehyɛeɛ, honhom fam nsɛm ne wusɔreɛ ho. Ɔnam nhunumu kɛseɛ so kyerɛkyerɛ sɛdeɛ Asɛmpa he yi saa nsemmisa yi ano.
Ti 13 yi dɔ adi sɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ pa a ɔde ama nnipa. Ɔkame ayɛ sɛ, ɔno ne asɛm a yenim no kɛseɛ paa nwoma yi mu.
MU NSƐM
Nsɛm a odi kane 1:1-9
Mpaepaemu a ɔya asafo he mu 1:10—4:21
Afisɛm ne adwamammɔ 5:1—7:40
Akristofoɔ ne abosonsomfoɔ 8:1—11:1
Asafo mu abrabɔ ne som 11:2—14:40
Kristo ne agyidifoɔ wusɔreɛ he 15:1-58
Ntoboa a beyi maa Yudea Akristofoɔ 16:1-4
Paulo ankasa ne nkyea ne krataa he awieeɛ 16:5-24
Currently Selected:
1 Korintofoɔ NNIANIMU: BBTP
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021