Filipifo 1
1
Nkyia
1 #
1 Ko 1.2; 1 Tim 3.1; 3.8 Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefo a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfo ne asomfo: 2#Rom 1.7 Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
Aseda ne anigye
3 #
Rom 1.8; 1 Ko 1.4 Meda me Nyankopɔn ase, nkae a mede mekae mo no nyinaa mu. 4Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigye mesrɛ mema mo nyinaa, 5mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti; 6#Flp 2.13; 1 Ko 1.6-8 na mewɔ eyi ara ho ahotoso sɛ nea wafi adwuma pa ase wɔ mo mu no bewie akosi Kristo Yesu da no. 7Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no. 8Na Onyankopɔn ne me dansefo, sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.
Paulo adesrɛ
9Na mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu, 10#Rom 12.2; 1 Te 5.23 na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ na moabu, na moayɛ kurunnyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no, 11#Efe 5.9 na trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn anuonyam ne ayeyi.
Nea efi n’afiaseda mu ba
12 #
2 Tim 2.9
Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom, 13#Flp 4.22 ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufo nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu, 14na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.
Nea enti a ɔka Kristo ho asɛm
15Ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm de, nanso ebinom wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka. 16Ebinom fi ɔdɔ mu, efisɛ wonim sɛ asɛmpa no ho anoyi nti na meda ha, 17#Flp 1.7 nanso ebinom fi ntɔkwawpɛ mu na ɛbɔ Kristo din, efisɛ ɛnyɛ ne nokware so so, na mmom wosusuw sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho.
Paulo ani gye Kristo asɛmpaka ho
18 #
Flp 2.17-18
Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokwarem oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na eyi mu na medi ahurusi; enti dɛn, m’ani begye ara. 19#2 Ko 1.11 Efisɛ minim sɛ ɛnam mo nkotɔsrɛ ne Yesu Kristo honhom boa no so na eyi bɛdan me nkwagye, 20mewɔ anidaso na mehwɛ kwan dennennen sɛ, m’anim rengu ase biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛse nti, sɛnea ɛte daa no, seisei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owu mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.
Nkwa ne owu
21 #
Gal 2.20
Na me de, m’ase a mete ne Kristo, na owu yɛ me mfaso. 22#Rom 1.13 Nanso sɛ ɔhonam mu asetena yi bɛma m'adwuma akɔ so de a, ɛnne na minhu emu nea memfa. 23#1 Ah 19.4; 2 Ko 5.8 Na mihim nneɛma abien yi ntam. Anka mepɛ sɛ mitutu ha na me ne Kristo kɔtena, efisɛ ɛno mmom na eye pa ara; 24nanso mekɔ so ara tena ase a, ɛho wɔ mfaso kɛse esiane mo nti. 25Na mewɔ saa ahotoso yi, na minim sɛ, mɛtena ase, na me ne mo nyinaa atena hɔ ama mo gyidi mu anigye akɔ so, 26na mo ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu wɔ me nti, esiane meba a mereba mo nkyɛn bio no.
Abrabɔ pa ho afotu
27 #
Kol 1.10; 1 Te 2.12 Ɛnne na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mibehu mo oo, sɛ minni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mugyina pintinn honhom koro mu, na mode adwene koro bom di apere gyidi a efi asɛmpa no mu, 28na mommma atamfo nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ ɔyera a wɔbɛyera ho sɛnkyerɛnne ma wɔn, nanso ɛyɛ nkwagye ho sɛnkyerɛnne ma mo, eyi fi Nyankopɔn, 29efisɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mugye no di nko, na mmom sɛ ne nti muhu amane nso, 30#Aso 16.22 efisɛ, mowɔ akodi koro no ara a muhui wɔ me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no.
Currently Selected:
Filipifo 1: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.