1
Filipifo 1:6
KYERƐW KRONKRON
RATB
na mewɔ eyi ara ho ahotoso sɛ nea wafi adwuma pa ase wɔ mo mu no bewie akosi Kristo Yesu da no.
Compare
Explore Filipifo 1:6
2
Filipifo 1:9-10
Na mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu, na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ na moabu, na moayɛ kurunnyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no
Explore Filipifo 1:9-10
3
Filipifo 1:21
Na me de, m’ase a mete ne Kristo, na owu yɛ me mfaso.
Explore Filipifo 1:21
4
Filipifo 1:3
Meda me Nyankopɔn ase, nkae a mede mekae mo no nyinaa mu.
Explore Filipifo 1:3
5
Filipifo 1:27
Ɛnne na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mibehu mo oo, sɛ minni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mugyina pintinn honhom koro mu, na mode adwene koro bom di apere gyidi a efi asɛmpa no mu
Explore Filipifo 1:27
6
Filipifo 1:20
mewɔ anidaso na mehwɛ kwan dennennen sɛ, m’anim rengu ase biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛse nti, sɛnea ɛte daa no, seisei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owu mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.
Explore Filipifo 1:20
7
Filipifo 1:29
efisɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mugye no di nko, na mmom sɛ ne nti muhu amane nso
Explore Filipifo 1:29
Home
Bible
Plans
Videos