Mateo 7
7
Ntɛnyi bɔne
1 #
Rom 2.1; 1 Ko 4.5 Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn. 2#Mar 4.24 Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo. 3Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani so, na w’ankasa ani so mpuran de, wunhu? 4Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma minyi dua no mfi w’ani so, na hwɛ, mpuran wɔ w’ani so? 5Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’ani so kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi dua no afi wo nua ani so. 6#Mat 10.11 Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so na wɔannan ammɛtetew mo.
Adesrɛ
7 #
Mar 11.24; Luka 11.5-13; Yer 29.13-14 Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo. 8Na obiara a obisa no, onya, na nea ɔhwehwɛ no, ohu, na nea ɔpem no, wohiɛ no. 9Anaasɛ mo mu nipa bɛn na ɔwɔ hɔ, na sɛ ne ba bisa no abodoo a, ɔbɛma no ɔbo? 10Anaasɛ obisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ? 11#Yak 1.17 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no? 12#Mat 22.39-40; Rom 13.8-10 Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi ne mmara ne adiyifo no.
Akwan horow abien no
13 #
Luka 13.24
Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. 14#Mat 19.24; Aso 14.22 Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.
Nhwɛso pa
15 #
Mat 24.4-5; 24.24; Aso 20.29 Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo. 16#Gal 5.19-22; Yak 3.12 Wɔn aba na mode behu wɔn. Wɔtetew obobe wɔ nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdɔma wɔ hwerɛmo so? 17#Mat 12.33 Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne. 18Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa. 19#Mat 3.10; Yoh 15.2; 15.6 Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu. 20Enti wɔn aba, na mode behu wɔn.
Osetie
21 #
Rom 2.13; Yak 1.22; 1.25; 2.14 Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no. 22#Luka 13.25-27; 1 Ko 13.1-2 Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumide pii anaa? 23#Mat 25.41; 2 Tim 2.19 Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minnim mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!
Ɔbotan ne anwea so adansi
24 #
Mat 7.21
Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho. 25Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; efisɛ wɔtoo ne fapem ɔbotan so. 26Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anwea so no ho. 27#Hes 13.10-11 Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ebui, na ebubui pasapasa.
28 #
Mar 1.22; Luka 4.32 Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn, 29#Yoh 7.46 efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Akyerɛwfo no.
Currently Selected:
Mateo 7: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.