1
Mateo 7:7
KYERƐW KRONKRON
RATB
Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.
Compare
Explore Mateo 7:7
2
Mateo 7:8
Na obiara a obisa no, onya, na nea ɔhwehwɛ no, ohu, na nea ɔpem no, wohiɛ no.
Explore Mateo 7:8
3
Mateo 7:24
Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho.
Explore Mateo 7:24
4
Mateo 7:12
Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi ne mmara ne adiyifo no.
Explore Mateo 7:12
5
Mateo 7:14
Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.
Explore Mateo 7:14
6
Mateo 7:13
Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii.
Explore Mateo 7:13
7
Mateo 7:11
Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no?
Explore Mateo 7:11
8
Mateo 7:1-2
Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn. Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo.
Explore Mateo 7:1-2
9
Mateo 7:26
Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anwea so no ho.
Explore Mateo 7:26
10
Mateo 7:3-4
Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani so, na w’ankasa ani so mpuran de, wunhu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma minyi dua no mfi w’ani so, na hwɛ, mpuran wɔ w’ani so?
Explore Mateo 7:3-4
11
Mateo 7:15-16
Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo. Wɔn aba na mode behu wɔn. Wɔtetew obobe wɔ nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdɔma wɔ hwerɛmo so?
Explore Mateo 7:15-16
12
Mateo 7:17
Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne.
Explore Mateo 7:17
13
Mateo 7:18
Dua pa ntumi nsow aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nsow aba pa.
Explore Mateo 7:18
14
Mateo 7:19
Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.
Explore Mateo 7:19
Home
Bible
Plans
Videos