Mateo 17
17
Yesu anuonyam haran
(Marko 9.2-13; Luka 9.28-36)
1Na nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakob ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so wɔ fa baabi. 2#2 Pe 1.16-18 Na ɔsakrae wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann. 3Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasae. 4Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, eye sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de biako, Mose de biako, na Elia de biako. 5#Mat 3.17 Na ogu so kasa no, hwɛ, omununkum hyerɛnhyerɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi fi omununkum no mu kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no! 6Na asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, na wosuroe yiye. 7Na Yesu bae besusoo wɔn mu sɛ: Monsɔre, na munnsuro! 8Na wɔmomaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara gye Yesu nko ara. 9#Mat 16.20 Na wofi bepɔw no so resian no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka ade a moahu yi nnkyerɛ obiara kosi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afi awufo mu.
Elia ba
10 #
Mat 11.14; Mal 4.5 Na asuafo no bisaa no sɛ: Adɛn nti na kyerɛwfo no ka sɛ ɛsɛ sɛ Elia ba ansa? 11Na Yesu bua see wɔn sɛ: Elia ba na wabɛsiesie nneɛma nyinaa de, 12#Mat 14.9-10 nanso mise mo sɛ: Elia aba dedaw, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no nea wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebehu amane wɔn nsam. 13#Luka 1.17 Ɛnna asuafo no tee ase sɛ Yohane suboni ho asɛm na ɔreka wɔn.
Otwafo bi ayaresa
(Marko 9.14-29; Luka 9.37-42)
14Na woduu nkurɔfokuw no nkyɛn no, onipa bi baa ne nkyɛn bɛkotow no kae se: 15Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na otwa, na ɔrehu amane pii; ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsu mu. 16Na mede no mebrɛɛ w’asuafo no, nanso wɔantumi ansa no yare. 17#Deut 32.5 Na Yesu kae sɛ: O nnɛ mma a wonni gyidi na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha! 18Na Yesu teɛteɛɛ no, na honhommɔne no fii ne mu, na efi dɔn no ara mu na abofra no yare no gyaee.
Gyidi mu tumi
19 #
Mat 10.1
Ɛnna asuafo no baa Yesu nkyɛn ɔfa baabi, na wɔkae sɛ: Adɛn nti na yɛantumi antu no? 20#Mat 21.21; Luka 17.6 Na osee wɔn sɛ: Efisɛ mo gyidi sua; na nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ noho, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ. 21(Nanso saa ade yi ban de, entumi ntu, gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)
Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ foforo
(Marko 9.30-32; Luka 9.43-45)
22 #
Mat 16.21
Na wɔrekyinkyin Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebeyi Onipa Ba no akɔhyɛ nnipa nsa, 23na wɔakum no, na ne nnansa so no, obenyan. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛhow pii.
Yesu tua asɔrefi ho tow
24 #
Eks 30.13
Na woduu Kapernaum no, wɔn a wogyigye dwetɛbona fa tow no baa Petro nkyɛn sɛ: Mo kyerɛkyerɛfo no ntua tow no anaa? 25Ose: Otua. Na ɔbaa ofie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: Simon, wudwen ho dɛn? Ɛhefo hɔ na asase so ahemfo gyigye aguade anaa ɔtow? Wɔn mma hɔ anaa ananafo hɔ? 26Na obuae sɛ: ananafo hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnne na mma no de wɔn ho. 27Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn hintidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kan no, wubue n’anom a, wubehu dwetɛbona wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne wo.
Currently Selected:
Mateo 17: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.