Mateo 16
16
Ɔsoro sɛnkyerɛnne bi
(Marko 8.11-21)
1 #
Mat 12.38
Na Farisifo ne Sadukifo no bae bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro sɛnkyerɛnne bi. 2#Luka 12.54-56 Na obua see wɔn sɛ: Edu anwummere a, moka sɛ: Wim bɛtew, efisɛ ɔsoro abere. 3#Mat 11.4-5 Na anɔpa muse: Ahum betu nnɛ, efisɛ ɔsoro abere, na ayɛ kusuu. Munim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmere no ho nsɛnkyerɛnne de, muntumi nkyerɛ mu? 4#Mat 12.39-40 Nnɛ mma bɔne ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, na wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye Yona sɛnkyerɛnne no. Na ogyaw wɔn fii hɔ kɔe.
Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw
5Na asuafo no duu asuogya noho no, na wɔn werɛ afi sɛ wɔfa abodoo. 6#Luka 12.1 Na Yesu see wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho! 7Na wɔdwennwenee wɔn mu kekae sɛ: Yɛamfa abodoo nti anaa? 8#Mat 6.30 Na Yesu hui no, ɔkae sɛ: Mo gyidi sua. Adɛn na modwennwene mo mu sɛ moamfa abodoo ntia? 9#Mat 14.17-21 Munnya nhui ɛ, na monkae nnipa mpemnum abodoo anum ne nkɛntɛn dodow a munyae no? 10#Mat 15.34-38 Anaasɛ nnipa mpemnan abodoo ason ne nkɛntɛn dodow a munyae no? 11Ɛdɛn nti na munhu sɛ ɛnyɛ abodoo ho asɛm na meka mekyerɛ mo? Monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho! 12Ɛnna wohui sɛ wanka sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yiye abodoo mmɔkaw ho, na mmom Farisifo ne Sadukifo no nkyerɛkyerɛ ho.
Petro kyerɛ onipa ko a Yesu yɛ
(Marko 8.27-30; Luka 9.18-21)
13Na Yesu duu Kaesarea Filipi fam no, obisaa n’asuafo no sɛ: Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hena? 14#Mat 14.2; 17.10 Na wose: Ebinom se: Yohane suboni no. Na ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifo no mu biako. 15Obisaa wɔn sɛ: Na mo nso, muse mene hena? 16#Yoh 6.69 Na Simon Petro buae sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba! 17#Gal 1.15-16 Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, efisɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na eyi kyerɛɛ wo, na m’agya a ɔwɔ ɔsoro no. 18#Yoh 1.43; Efe 2.20 Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so. 19#Mat 18.18 Na mede ɔsoro ahenni ano nsafe mɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase so no, na wɔakyekyere no ɔsoro, na biribiara a wobɛsan asase so no na wɔasan no ɔsoro. 20#Mat 17.9 Ɛnna ɔhyɛɛ asuafo no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.
Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ
(Marko 8.31—9.1; Luka 9.22-27)
21 #
Mat 12.40; 20.18; Yoh 2.19 Na efi saa bere no na Yesu Kristo fii ase kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii mpanyimfo ne asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no nsam, na wɔakum no, na da ɛto so abiɛsa no wanyan. 22Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ofii ase kaa n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, eyi remma wo so da. 23Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen.
Ahopakyi
24 #
Mat 10.38-39
Ɛnna Yesu see n’asuafo no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na onni m’akyi. 25Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti ne kra bɛyera no de, ne nsa bɛka. 26Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? 27#Rom 2.6 Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te. 28#Mat 10.23 Nokware mise mo sɛ: Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.
Currently Selected:
Mateo 16: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.