Mateo 14
14
Osuboni Yohane wu
(Marko 6.14; 6.17-30; Luka 9.7-9; 3.19-20)
1Ɛbere no mu no, ɔmansinhene Herode tee Yesu nka, 2na osee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyan afi awufo mu, na ɛno nti na tumide yi yɛ ne mu adwuma yi. 3#Mat 11.2 Na Herode aso Yohane mu akyere no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti. 4#Lew 18.16 Efisɛ Yohane aka akyerɛ no sɛ: Wunni ho kwan sɛ woware no. 5#Mat 21.26 Na ɔpɛe sɛ okum no, nanso na osuro nkurɔfo no, efisɛ na wobu no sɛ odiyifo. 6Na wodii Herode awoda no, Herodia babea bɛsawee wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ. 7Ɛno nti Herode kaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a obebisa. 8Na ne na tuu no fo bɔne ma ɔbɛkae sɛ: Fa osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me ha yi ara! 9Na ɛyɛɛ ɔhene no yaw, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidii no nti, ɔhyɛe sɛ wɔmfa mma no. 10Na ɔsoma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase. 11Na wɔde ne ti no too prɛte mu bae, na wɔde maa ababaa no, na ɔde kɔmaa ne na. 12Na n’asuafo bae bɛfaa amu no kosiei, na wɔbɛka kyerɛɛ Yesu.
Nnipa mpemnum aduanma
(Marko 6.31-44; Luka 9.10-17; Yohane 6.1-13)
13Na Yesu tee no, ɔtenaa ɔkorow mu fii hɔ kɔɔ sare so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, wofii nkurow so nam fam tiw no. 14#Mat 9.36 Na osii fam behuu nkurɔfo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefo yare. 15Na onwini dwoe no, n’asuafo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Ɛha yi yɛ sare so na onwini nso adwo, gya nkurɔfo akuwakuw no kwan na wɔnkɔ nkuraa nkɔtɔ aduan nni. 16Na Yesu see wɔn sɛ: Enhia sɛ wɔkɔ, mo ara momma wɔn biribi nni! 17Na wosee no sɛ: Yenni biribi ha yi sɛ abodoo anum ne mpataa abien. 18Ɛnna ose: Momfa mmrɛ me ha! 19Na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔntenatena sare no so, na ɔfaa abodoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na obubuu mu de abodoo no maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no. 20#2 Ah 4.44 Na wɔn nyinaa didi mee, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn dumien mama. 21Na wɔn a wodii no bɛyɛ mmarima mpemnum; wɔankan mmea ne mmofra anka ho.
Yesu kɔbɔ mpae bepɔw so
(Marko 6.45-56; Yohane 6.15-21)
22Na ntɛm ara na Yesu hyɛɛ asuafo no sɛ wɔnkɔ ɔkorow mu nni kan ntwa nkɔ asuogya noho, na onnya nkurɔfo akuwakuw no kwan ansa. 23#Luka 6.12; 9.18 Na owiee nkurɔfo akuwakuw no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔw so fa baabi mpaebɔ. Na onwini dwoe no, na aka ne nko wɔ hɔ. 24Na ɔkorow no adu ɛpo no mfinimfini, na asorɔkye rehaw no, efisɛ na mframa no rehyia wɔn.
Yesu nantew po ani
25Na ahemadakye nnɔnabiɛsa rekɔ no, Yesu nam po so kɔɔ wɔn nkyɛn. 26#Luka 24.37 Na asuafo no huu no sɛ ɔnam po no so no, wɔn koma tui, na wɔkae sɛ: Ɛyɛ ɔsaman! Na wɔde ehu teɛteɛɛm. 27Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, munnsuro! 28Na Petro buaa no sɛ: Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka ma memmra wo nkyɛn nsu no ani! 29Na ose: Bra! Na Petro fii ɔkorow no mu si faa nsu no ani sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30Na ohuu mframa no, osuroe; na ofii ase sɛ ɔremem no, ɔteɛɛm sɛ: Awurade, gye me! 31#Mat 8.26 Na ntɛm ara Yesu teɛɛ ne nsa soo no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidi sua! Adɛn nti na wugyee akyinnye? 32Na woduu ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. 33Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no ba bɛkotow sɔree no sɛ: Onyankopɔn ba ne wo ampa.
Genesaret ayaresa
34Na wotwae no, woduu Genesaret asase so. 35Na nnipa a wɔwɔ hɔ no huu no no, wɔsoma kɔɔ asase a atwa ahyia no nyinaa so, na wɔde wɔn a wɔyare nyinaa brɛɛ no, 36#Mat 9.21; Luka 6.19 na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atade ano nnwow nko ara. Na dodow a wɔde wɔn nsa kaa n'atade ano no ho yɛɛ wɔn den.
Currently Selected:
Mateo 14: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.