YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 13

13
Ogufo ho bɛ
(Marko 4.1-20; Luka 8.4-15)
1Ɛda no ara Yesu fii fie kɔtenaa mpoano. 2Na nkurɔfo akuwakuw pii boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuw no nyinaa gyinagyina mpoano. 3Na ɔkasae pii mmebu mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufo fii adi koguu aba. 4Na ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn, na nnomaa bae bɛsosɔwee. 5Ebi nso koguu abo so, nea dɔte pii nni; na ntɛm ara na efifii, efisɛ dɔte no mu nnɔ, 6na owia fii no, ekisae, na enni ntini nti, ɛhyewee. 7Ebi nso koguu nsɔe mu; na nsɔe no nyinii, na emiaa no. 8Na ebi nso koguu asase pa mu; na ɛsow aba, ebi ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa. 9Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!
Ɛbɛ no gyinae
10Na asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: Adɛn na wokasa kyerɛ wɔn mmebu mu? 11Na obua see wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn. 12#Mat 25.29; Mar 4.25; Luka 8.18 Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no, na wanya aboro so; na obiara a onni no, nea ɔwɔ mpo wobegye ne nsam. 13#Deut 29.4 Eyi nti na mekasa mekyerɛ wɔn mmebu mu, efisɛ wohu de, nanso wonhu, na wɔte de, nso wɔnte na wɔnte ase. 14#Yes 6.9-10 Na wɔn mu na Yesaia adiyisɛm no aba mu sɛ:
Ɔte de, mobɛte, na morente ase;
na ohu nso mubehu, na morenhu mu.
15 Efisɛ ɔman yi koma apirim,
na wɔn aso ayɛ den,
na wɔakatakata wɔn ani
na wɔamfa wɔn ani anhu,
na wɔamfa wɔn aso ante,
na wɔamfa wɔn koma ante ase,
na wɔannan wɔn ho,
na mansa wɔn yare.
16 # Luka 10.23-24 Na mo de, nhyira ne mo ani sɛ ehu, ne mo aso sɛ ɛte. 17Na nokware mise mo sɛ, adiyifo ne atreneefo pii pɛe sɛ wohu nea muhu yi, na wɔte nea mote yi, nanso wɔanhu, na wɔante nso.
Ogufo ho bɛ no nkyerɛase
18 Afei muntie ogufo ho bɛ no: 19Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔne no ba behwim nea wɔagu ne koma mu no; oyi ne nea woguu no kwankyɛn no. 20Na nea woguu no abo so no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔde anigye gye no ntɛmntɛm; 21nanso onni ntini wɔ no mu, na ɔtena hɔ kyɛ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no hintidua. 22#Mat 6.19-34; 1 Tim 6.9 Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba. 23Na nea woguu no asase pa mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na ɔte ase; ɔno na ɔsow aba, obi sow ɔha, obi aduosia, obi aduasa.
Awi ne wura ho bɛ
24 # Mat 13.36-43 Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a oguu aba pa n’afuw mu. 25Na bere a obiara ada no, ɔtamfo bae beguu wura bɔne bi awi no mu, na ofii hɔ kɔe. 26Na eyii ahaban na ɛsow aba no, ɛnna wura bɔne no nso daa adi. 27Na afuwura no nkoa baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na wugui w’afuw no mu? Na wura bɔne yi de, efi he? 28Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔtamfo bi na wayɛ saa. Na nkoa no bisaa no sɛ: Ɛnne wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa? 29Ɛnna ose: Dabi, anyɛ a, moreboaboa wura bɔne no ano no, na moatu awi no bi afra mu. 30#Mat 3.12 Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere, na twa bere no mu na mɛka makyerɛ twafo no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kan, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhyew, na awi no de, mommoaboa ano nkogu me san so!
Sinapi aba ho bɛ
(Marko 4.30-32; Luka 13.18-19)
31Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ sinapi fua a onipa fa koduae n’afuw mu. 32Ɛno na ɛyɛ aba horow nyinaa mu ketewa de, nanso enyin a, ɛne afifide nyinaa mu kɛse, na ɛyɛ dua ma wim nnomaa ba bɛyɛ berebuw wɔ ne mman so.
Mmɔkaw ho bɛ
33 # Luka 13.20-21 Obuu wɔn bɛ foforo sɛ: Ɔsoro ahenni te sɛ mmɔkaw a ɔbea bi fa kɔfɔtɔw asikresam korokuma abiɛsa mama de kosii sɛ ne nyinaa kawee. 34#Mar 4.33-34; Nnw 78.2 Eyinom nyinaa Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no mmebu mu, na wankwati bɛ anka asɛm biara ankyerɛ wɔn. 35Eyi ma nea odiyifo no kae no ba mu sɛ:
Mebue m’ano mmebu mu;
na mɛpae nsɛm a ahintaw fi wiase asefi no mu maka.
Awi ne wura ho bɛ no asekyerɛ
36 # Mat 13.24-30 Afei ogyaa nkurɔfo akuwakuw no kwan no, ɔbaa ofie. Na n’asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa sɛ: Kyerɛ yɛn afuw mu wura bɔne ho bɛ no ase. 37Na obua see wɔn sɛ: Nea ogu aba pa no ne onipa ba no; 38#1 Ko 3.9 afuw no ne wiase; aba pa no ne ahenni no mma; wura no ne ɔbɔne no mma; 39ɔtamfo a ogui no ne ɔbonsam; twa bere no ne wiase awiei; twafo no ne abɔfo. 40Enti sɛnea wɔboaboa wura no ano na wɔde ogya hyew no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awiei. 41#Mat 25.31-46 Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu, 42#Mat 8.12 na wɔde wɔn akogu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwere wɔn se. 43#Dan 12.3 Ɛnna atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahenni mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!
Ademude ho bɛ
44 # Mat 19.29; Luka 14.33; Flp 3.7 Ɔsoro ahenni no te sɛ ademude bi a wɔde asie afuw mu; ɛno na onipa bi kohui, na ɔkataa so, na ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no.
Ahene pa ho bɛ
45 Ebio, ɔsoro ahenni te sɛ oguadini bi a ɔhwehwɛ nhene pa; 46#Mmb 8.10-11 na ohuu ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.
Asawu ho bɛ
47 # Mat 22.9-10 Ebio, ɔsoro ahenni te sɛ asawu a wɔde guu po mu na ebumaa nam horow nyinaa bi; 48na ɛyɛɛ ma no, wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa nea eye no ano guu akorow mu, na nea enye no de, wɔtow gui. 49#Mat 25.32 Sɛnea ɛbɛyɛ wiase awiei no mu ara ne no. Abɔfo no bɛba abɛpaw nnipa bɔne afi atreneefo mu, 50na wɔatow wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwɛre wɔn se. 51Moate eyinom nyinaa ase anaa? Wobuaa no sɛ: Yiw. 52Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi nti ɔkyerɛwfo biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahenni no te sɛ ofiwura bi a ofi n’ademude mu yi nneɛma afoforo ne adedaw adi.
Nasaret nsra
(Marko 6.1-6; Luka 4.15-30)
53Na ɛbae sɛ Yesu wiee mmɛ yi bu no, ofii hɔ kɔe. 54Na ɔkɔɔ n’agya kurom no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn, wɔn hyiadan mu ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na wɔkae sɛ: Ɛhe na oyi de nyansa ne tumi nnwuma yi fi? 55Ɛnyɛ duadwumfo no ba no ni? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakob ne Yosef ne Simon ne Yuda? 56#Yoh 7.15; 7.52 Na ɛnyɛ ne nuammeanom nyinaa na wɔne yɛn wɔ ha yi anaa? Na afei ɛhe na oyi konyaa eyinom nyinaa? 57#Yoh 4.44 Na ɔyɛɛ hintidua maa wɔn. Na Yesu see wɔn sɛ: Nidi mmɔ odiyifo, gye ne kurom ne ne fi. 58Na wɔn gye a wonnye nni nti wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.

Currently Selected:

Mateo 13: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in