Yakobo 4
4
Ɔko ne ɔsa farebae
1 #
1 Pe 2.11
Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi? Emfi mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa? 2Mo kɔn dɔ, na munnya. Mudi awu na mo ani bere, na muntumi nnu ho. Moko na mutu sa, nanso munnya, efisɛ mummisa. 3Mubisa na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, sɛ mobɛhwere no mo anigyede mu.
Ɛsɛ sɛ yɛpaw Onyankopɔn anaa wiase
4 #
Luka 6.26; Rom 8.7; 1 Yoh 2.15 Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo. 5#Eks 20.3; 20.5; Mat 6.24 Anaasɛ mususuw sɛ kyerɛw no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu? 6#Mmb 3.34; Hiob 22.29; Mat 23.12; 1 Pe 5.5 Nanso ɔma ɔdom bebree mmom. Enti na kyerɛw no se: Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo. 7#Efe 6.12; 1 Pe 5.8-9 Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn. 8#Sak 1.3; Yes 1.16 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta! 9Munni nkɔmmɔ, na mo werɛ nhow, na munsu! Mo serew nnan awerɛhow, na mo anigye nnan aniwu! 10#1 Pe 5.6 Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.
Wɔbra ntwiri nyinaa
11Anuanom, munnnidi mo ho nseku! Nea odi onua ho nseku na obu ne nua atɛn no, odi mmara ho nseku na obu mmara atɛn. Na sɛ wubu mmara atɛn a, na wonyɛ mmara no yɛfo, na mmom woyɛ ne temmufo. 12#Mat 7.1; Rom 2.1; 14.4 Obiako ne mmarahyɛfo ne temmufo, ɔne nea obetumi agye na wasɛe. Na ɛhena ne wo a wubu obi atɛn?
Onipa nkwa
13 #
Mmb 27.1
Na afei mo ɛ! Mo a moka se: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kurow yi mu akodi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfaso. 14#Luka 12.20 Nanso munnim nea ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne dɛn? Efisɛ moyɛ huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera. 15#Aso 18.21 Na mmom anka ɛsɛ sɛ moka se: Sɛ Awurade pɛ na yenya nkwa a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi. 16Na afei mohoahoa mo ho mo ahupoo mu. Saa ahohoahoa yi nyinaa yɛ bɔne. 17#Luka 12.47 Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.
Currently Selected:
Yakobo 4: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: