Yakobo 5
5
Wiase adefo awie
1 #
Luka 6.24
Na afei, mo adefo ɛ, mo amanehunu a ɛreba mo so nti munsu na mommɔ mo afonom! 2#Mat 6.19 Mo ahonyade aporɔw, na nwewee awe mo ntade. 3Mo sika ne dwetɛ agye nkannare, na ɛho nkannare no bedi mo adanse, na ebedi mo nam sɛ ogya. Moahyehyɛ ademude, nna a edi akyiri mu. 4#Deut 24.14-15 Hwɛ, adwumayɛfo a wotutuu mo mfuw mu nnuan no akatua a mode nsisi de siei no teɛm, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuw mu ade no nteɛm adu asafo Awurade no asom. 5#Luka 16.19; 16.25; Yer 12.3 Mode asetena fɛfɛ atena asase so, na moabɔ ahohwi, na moayɛn mo koma wɔ okum da. 6Moabu nea ɔteɛ no fɔ akum no; onsiw mo kwan.
Kristo bɛba
7 #
Luka 21.19; Heb 10.36 Enti, anuanom, montɔ mo bo ase nkodu da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafo a ɔretwɛn asase aba a ne bo yɛ den no tɔ ne bo ase kyɛ wɔ ho de kosi sɛ enya asusow ne adom nsu. 8Mo nso, montɔ mo bo ase nkyɛ, monhyɛ mo koma den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn. 9Anuanom, munngugu ahome nntiatia mo ho, na wɔammu mo atɛn. Hwɛ, ɔtemmufo no gyina ɔpon ano. 10#Mat 5.12 Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ. 11#Hiob 1.21-22 Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea Awurade ma ewiee no, sɛnea Awurade ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.
Ɔkasa mu nokwaredi
12 #
Mat 5.34-37
Na me nuanom, nea edi ne nyinaa kan no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa fam anaa ntam biara. Na momma mo yiw nyɛ yiw, na mo daabi nyɛ daabi, na moanhwe atemmu mu.
Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ amanehunu ne anigye mu
13 #
Nnw 50.15; Kol 3.16 Mo mu bi hu amane anaa? Ɔmmɔ mpae. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ɔnto ayeyi nnwom. 14#Mar 6.13 Mo mu bi yare anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo Awurade din mu. 15#Mar 16.18 Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bekyɛ no.
Bɔneka ne adesrɛ
16Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare. Onipa trenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ ade bebree. 17#1 Ah 17.1; Luka 4.25 Na Elia yɛ onipa te sɛ yɛn ara, na ɔbɔɔ mpae dennen sɛ osu nntɔ. Na osu antɔ asase so mfirihyia abiɛsa ne asram asia. 18#1 Ah 18.42 Na ɔbɔɔ mpae bio, na ɔsoro tɔɔ osu, na asase sow n’aba.
Nkwagye mu nhyira
19 #
Gal 6.1
Me nuanom, sɛ mo mu bi fom fi nokware no ho na obi dan no a, 20#Nnw 51.13; Mmb 10.12; 1 Pe 4.8 onhu sɛ, nea ɔdan ɔdebɔneyɛfo fi ne mfomso kwan so no, obegye ɔkra afi owu mu, na wakata bɔne pii so.
Currently Selected:
Yakobo 5: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: