YouVersion Logo
Search Icon

Yakobo 3

3
Ɔkasa mu ahosohwɛ
1Me nuanom, monnyɛ akyerɛkyerɛfo bebree, na munim sɛ yebenya afobu kɛse mmom. 2Efisɛ yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so. 3Yɛde nnareka to apɔnkɔ anom sɛ wontie yɛn, na yɛdannan wɔn aboa mu nyinaa. 4Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsosoe sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde kudɔɔ ketewaa na ɛdannan no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfo no pɛ. 5Saa ara na tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi ahyew!
Bɔne a tɛkrɛma tumi yɛ
6 # Mat 15.11; 15.18-19; 12.36-37 Na tɛkrɛma nso yɛ ogya. Tɛkrɛma wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ nea ɛnteɛ. Ɛde nkekae keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimii a etwa ne ho fi awo mu no, na efi amanehunu kurow no mu na wɔasɔ ano. 7Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwudwo wɔn, na wɔadwudwo wɔn. 8#Nnw 140.3 Na tɛkrɛma de, onipa biara ntumi nnwudwo no, ɛyɛ ade bɔne a ɛyɛ keka, awuduru ayɛ no ma. 9#Gye 1.27 Ɛno na yɛde hyira Awurade ne agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Onyankopɔn suban so. 10Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa! 11So asuti bi fi nsu dɛdɛ ne nwenenwene wɔ ani koro mu? 12Me nuanom, so borɔdɔma betumi asow ngodua aba? Anaasɛ obobe betumi asow borɔdɔma? Saa ara nso na asuti nkyenenkyene rentumi mma nsu pa.
Nokware nyansa
13 # Yak 2.18 Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo ne nimdefo? Ɔmfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ odwo a nyansa wɔ mu mu. 14#Efe 4.31 Na sɛ mowɔ nitammɔne ne atutuw mo koma mu a, ɛnne monnhoahoa mo ho, na munnni atoro nntia nokware. 15#Yak 1.5; 1.17 Saa nyansa yi mfi soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne de. 16Na nea nitan ne atutuw wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛe bɔne nyinaa wɔ. 17Na nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ennye akyinnye, ɛnyɛ nyaatwom. 18#Yes 32.17; Mat 5.9 Na wogu trenee aba asomdwoe mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoe ade.

Currently Selected:

Yakobo 3: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in