Galatifo 2
2
Wogye Paulo frɛ to mu Yerusalem
1 #
Aso 15.2
Ɛnna ɛno akyi mfe dunan, me ne Barnaba kɔɔ Yerusalem bio, na mefaa Tito nso kaa me ho. 2#Gal 2.6; 2.9 Na menam adiyi so na mekɔe, na mede asɛmpa a meka amanaman mu no metoo wɔn anim, (ɛne wɔn a wɔwɔ din no nso anim kokoam), na ammirika a metu anaasɛ mitui no anyɛ ɔkwa. 3#Aso 16.3 Na Tito a ɔka me ho a ɔyɛ Helani no mpo, wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia. 4#Aso 15.1; 15.24 Na ɛyɛ anuanom atorofo a wofi baabi bae no ntia; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedi a yɛwɔ Kristo Yesu mu no ho kwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu. 5#Gal 3.1 Wɔn de, yɛammrɛ yɛn ho ase amma wɔn kwan dɔnhwerew biako mpo, na asɛmpa no nokware no akɔ so atena mo mu. 6Na wɔn a wobu sɛ wɔwɔ din no, (nea wɔte biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me de, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho, 7#Aso 9.15; 15.12; 22.21 na mmom wohui sɛ wɔde momonotofo mu asɛmpaka ahyɛ me nsa, sɛnea wɔde twetiafo mu de ama Petro no; 8(na nea ɔnam Petro so dii dwuma twetiatwafo mu somafosom mu no nam me nso so yɛ ade amanaman mufo mu). 9#Yoh 1.43 Na wohuu adom a wɔde ama me no, Yakob ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiatwafo mu, 10#Aso 11.30; 12.25 gye ahiafo nko na wɔsrɛe sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.
Paulo ka Petro anim
11Na Kefa baa Antiokia no, migyinaa n’anim kasa tiaa no efisɛ na wadi mfomso bi. 12#Aso 11.3 Ɛne sɛ nnipa bi a wofi Yakobo nkyɛn no nnya mmae no, na ɔne amanaman mufo didi; na wɔbae no, ɔtwee ne ho tew ne ho fii wɔn ho, efisɛ na osuro wɔn a wofi twetiatwafo mu no. 13Na Yudafo a aka no ne no diinkɔnkɔnsa bi maa wɔn nkɔnkɔnsa no twee Barnaba nso kɔe bi. 14Na mihui sɛ wɔnnantew tee sɛnea asɛmpa no nokware te no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani bɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufo sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafo?
15Yɛn de, yefi yɛn awosu mu yɛ Yudafo, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfo. 16#Aso 15.10-11; Rom 3.20; 3.28; 4.5; 11.6; Efe 2.8 Na yenim sɛ womfi mmara nnwuma mu na ebu onipa bem, gye sɛ ɛnam Kristo Yesu gyidi so nti, yɛn nso yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafi Kristo gyidi mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem. 17Na yɛn a yɛrehwehwɛ sɛ wobu yɛn bem Kristo mu no, sɛ wohu yɛn ankasa nso sɛ nnebɔneyɛfo a, ɛnne na Kristo yɛ adebɔne somfo anaa? Dabida. 18Na sɛ meto nea madwiriw magu no bio a, na meyɛ me ho sɛ mmaratoni. 19#Rom 7.6 Na me de, menam mmara so mewu memaa mmara, na matena ase mama Onyankopɔn. Wɔabɔ me ne Kristo asɛnnuam; 20#Yoh 17.23; Gal 1.4 na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu. 21Mempo Onyankopɔn adom no; efisɛ sɛ trenee nam mmara so na ɛba a, ɛnne na Kristo awu kwa.
Currently Selected:
Galatifo 2: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.