Yɛn de, yefi yɛn awosu mu yɛ Yudafo, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfo. Na yenim sɛ womfi mmara nnwuma mu na ebu onipa bem, gye sɛ ɛnam Kristo Yesu gyidi so nti, yɛn nso yɛagye Kristo Yesu adi; na wɔafi Kristo gyidi mu abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma mu, efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem.