2 Timoteo 4
4
Adesrɛ bi
1 #
1 Pe 4.5
Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn n’ahoyi ne n’ahenni mu no anim. 2#Aso 20.20; 20.31 Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu. 3#2 Tim 1.13; 1 Tim 4.1 Na bere bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te. 4#1 Tim 4.7; 2 Te 2.11 Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm. 5#2 Tim 2.3 Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.
Paulo awie n’ankasa n’adwuma
6 #
Flp 2.17
Na me de, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me bere a mede mɛsɔre ha ahi. 7#1 Ko 9.25; 1 Tim 6.12; Flp 3.14 Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie. 8#2 Tim 2.5; 1 Pe 5.4; Yak 1.12; Adi 2.10 Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.
N’ani gyina Timoteo
9 #
2 Tim 4.21; 1.4 Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. 10#Kol 4.14 Efisɛ Dema apɛ mprempren wiase agyaw me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia. 11#Aso 15.37; Kol 4.10 Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na oye ma me ɔsom mu. 12#Aso 20.4; Efe 6.21; Kol 4.7 Tikiko de, masoma no Efeso. 13Sɛ woreba a, fa me batakari a migyawee Karpo nkyɛn wɔ Troa ne nhoma no brɛ me, ne titiriw no nhomapoee no.
Ɔtomfo Aleksanda
14 #
1 Tim 1.20; 2 Sa 3.39; Nnw 28.4 Aleksanda, kɔbere dwumfo no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade betua no ka sɛnea ne nnwuma te. 15Ɔno na wo nso hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho; efisɛ osiw yɛn nsɛm ano kwan bebree.
Ogye a wogye Paulo
16 #
2 Tim 1.15
Me nyiano a edi kan no mu, obiara ammegyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaw me hɔ; wommmu nngu wɔn so. 17#Aso 23.11; 27.23 Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom. 18Na Awurade beyi me afi bɔne nyinaa mu na wagye me akɔ ne soro ahenni no mu; ɔno na anuonyam wɔ no mmeresanten nnasanten. Amen.
Nkradi ne nkyia
19 #
Aso 18.2; Rom 16.3; 2 Tim 1.16 Mekyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo! 20#Aso 19.22; 20.4; 21.29 Erasto kaa Korinto, na Trofimo na migyaw no Mileto a ɔyare. 21Bɔ mmɔden bra ansa na awɔw bere aba. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa kyiakyia wo. 22Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo.
Currently Selected:
2 Timoteo 4: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: