YouVersion Logo
Search Icon

Tito NHYƐNMU

NHYƐNMU
Tito yɛ obi a na ɔnyɛ Yudani na ɔbɛyɛɛ Kristoni. Ɔbɛyɛɛ Paulo yɔnko dwumayɛni ne boafo wɔ n’asɛnka akwantu dwumadi mu. Nhoma a a Paulo kyerɛwee yi yɛ nea ɔde kɔmaa ne boafo aberantewa yi a na ɔwɔ Kreta. Ɔno ne nea Paulo gyaw no akyiri sɛ ɔnhwɛ asafo a ɛwɔ hɔ no so. Nneɛma ahorow abiɛsa a ehia na ɔkaa ho asɛm wɔ nhoma yi mu.
Nea edi kan no, ɔkae Tito suban ko a ɛsɛ sɛ asafo mu akannifo no yi no adi, esiane abrabɔ bɔne a na Kretafo bebree wɔ mu no nti. Nea edi hɔ yɛ afotu a ɔde maa Tito sɛnea obesi akyerɛkyerɛ nnipakuw ahorow wɔ asafo no mu. Wɔn ne mmarima mpanyimfo, mmea mpanyimfo (a wɔn nso ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mma nkumaa no), mmerante ne nkoa. Nea edi akyiri no, ɔtuu Tito fo faa Kristoni abrabɔ ho, sɛ ɔbɛfa asomdwoe ne ayɔnkofa, na wakwati ɔtan, akyinnye ne mpaepaemu wɔ asafo no mu.
EMU NSƐM
mfiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1-4
Asɔre no mu mpanyimfo 1.5-16
Nnipakuw a ɛwɔ asafo mu asɛde 2.1-15
Afotu ne kɔkɔbɔ 3.1-11
Awiei 3.12-15

Currently Selected:

Tito NHYƐNMU: RATB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in