2 Timoteo 3
3
Amanehunu bere
1 #
1 Tim 4.1
Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. 2Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, 3wɔn a wonni tema, apamsɛefo, nsekufo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, 4#Flp 3.19 afatwafo, akakabenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, 5#Mat 7.15; 7.21; Tito 1.16 wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!
6 #
Mat 23.14; Tito 1.11 Na eyinom mu bi ne wɔn a wɔnam ase hyɛnhyɛn afi mu, na wɔfa mmeawa a bɔne adɔre ahyɛ wɔn so a akɔnnɔ horow keka wɔn 7a wosua daa, nanso wontumi nhu nokware no da no nnommum.
Okyi a wokyi nokware
8 #
Eks 7.11; 7.22 Na sɛnea Yane ne Yambre ne Mose dii asi no, saa ara na eyinom nso ne nokware no di asi. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe; wɔmfra wɔ gyidi fam. 9Nso wɔrenkɔ wɔn anim pii biara, na wɔn gyimi bɛda adi nnipa nyinaa anim, sɛ wɔn de no nso yɛe no.
Paulo amanehunu
10Na wo de, woadi me nkyerɛkyerɛ, me bra, me tirimmɔ, me gyidi, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ, 11#Aso 13.50; 14.5; 14.19; Nnw 34.19 me taa a wɔanya me ntaae, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na migyinaa mu, na Awurade gyee me fii ne nyinaa mu. 12#Mat 16.24; Aso 14.22 Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn. 13#1 Tim 4.1 Na nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔadaadaa wɔn nso.
Ɔkae Timoteo ne mmofraase adesua
14 #
2 Tim 2.2
Na wo de, tena nea woasua na woahu mu nokware no mu. Wunim onii ko a wusuae ne nkyɛn no, 15#Yoh 5.39 na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu. 16#2 Pe 1.19-21 Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu ntetewee. 17#1 Tim 6.11 Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.
Currently Selected:
2 Timoteo 3: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.

: