2 Timoteo 2
2
Yesu Kristo sraani nokwafo
1Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu! 2Na nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.
3 #
2 Tim 1.8; 4.5 Na wo nso, mia w’ani hu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa. 4Obi nkɔ ɔsa mfa daa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani. 5#2 Tim 4.8 Na sɛ obi di akansi mu agoru nso a, wɔmmɔ no nkonim abotiri, gye sɛ wako no sɛnea ɛho mmara te. 6#1 Ko 9.7 Okuafo a ɔyɛ adwuma na ɛsɛ sɛ onya mu aba no bi kan. 7Hu nea mise yi, na Awurade bɛma wo ade nyinaa mu ntease.
8 #
1 Ko 15.4; 15.20; 2 Sa 7.12 Kae Yesu Kristo a ɔsɔre fii awufo mu a ofi Dawid ase, sɛnea m’asɛmpa no te no. 9#Efe 3.1; 3.13; Flp 2.17; 1.12-14 Ɛno mu na mihu amane bedu ɔkyere mu sɛ ɔdebɔneyɛfo, nanso Onyankopɔn asɛm de, wɔnkyeree no. 10#Kol 1.24 Eyi nti metɔ me bo ase amane nyinaa mu, wɔn a wɔapaw wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa anuonyam.
Asɛnnua ne abotiri
11 #
2 Ko 4.11
Nokwasɛm ni: Sɛ yɛne no wui a, yɛne no bɛtena ase nso. 12#Mat 10.33 Sɛ yegyina pintinn a, yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn. 13#Rom 3.2-3; Num 23.19 Sɛ yɛnyɛ anokwafo a, ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo ara, efisɛ ontumi mpa ne ho akyi.
Odwumayɛni a ɔsɔ Onyankopɔn ani
14 #
1 Tim 6.4; Tito 3.9 Eyinom na kae wɔn, na di wɔn adanse Onyankopɔn anim, na wɔannye nsɛm ho akyinnye hunu a mfaso biara nni so, a ɛsɛe atiefo adwene.
15 #
1 Tim 4.6; Tito 2.7-8 Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na ɔpɛɛpɛɛ nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ. 16#1 Tim 4.7 Na nsɛnhuhuw a ɛho ntew no de, yi wo ho fi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu, 17#1 Tim 1.20 na wɔn asɛm bɛyerɛw sɛ ɔyare bɔne; wɔn mu bi ne Himeneo ne Filetu 18a wɔapae afi nokware no ho ka sɛ owunyan atwam, na wɔdan binom gyidi butuw.
19 #
Yoh 10.14
Nanso Onyankopɔn nnyinaso tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de; Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.
20Na ofi kɛse mu nni sika ne dwetɛ nneɛma nko, na nnua ne dɔte de nso wɔ mu bi, na wobu bi, na ebi nso yɛ nea wommu. 21Na sɛ obi tew ne ho fi eyinom ho a, ɔbɛyɛ ade a wobu na wɔatew ho a owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yiye, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara.
22 #
1 Tim 6.11
Guan fi mmaabun bere mu akɔnnɔ ho, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi. 23#1 Tim 4.7 Na nkwasea akyinnyegye a wɔmfa nsua hwee no de, gu, efisɛ wunim sɛ ɛde ntɔkwaw ba. 24#Tito 1.7 Na ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfo, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu nkyerɛkyerɛ, ɔtɔ ne bo ase bɔne ho, 25na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware no hu mu, 26na wɔn ani so atetew afi ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ nea ɔpɛ no afiri mu.
Currently Selected:
2 Timoteo 2: RATB
Highlight
Share
Copy
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.