1
2 Timoteo 2:15
KYERƐW KRONKRON
RATB
Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na ɔpɛɛpɛɛ nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.
Compare
Explore 2 Timoteo 2:15
2
2 Timoteo 2:22
Guan fi mmaabun bere mu akɔnnɔ ho, na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi.
Explore 2 Timoteo 2:22
3
2 Timoteo 2:24
Na ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfo, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu nkyerɛkyerɛ, ɔtɔ ne bo ase bɔne ho
Explore 2 Timoteo 2:24
4
2 Timoteo 2:13
Sɛ yɛnyɛ anokwafo a, ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo ara, efisɛ ontumi mpa ne ho akyi.
Explore 2 Timoteo 2:13
5
2 Timoteo 2:25
na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware no hu mu
Explore 2 Timoteo 2:25
6
2 Timoteo 2:16
Na nsɛnhuhuw a ɛho ntew no de, yi wo ho fi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu
Explore 2 Timoteo 2:16
Home
Bible
Plans
Videos