2 Korintofo 6
6
1 #
2 Ko 1.24; 5.20 Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ munnnye Onyankopɔn adom no kwa. 2#Yes 49.8; Luka 4.19; 4.21 Na ɔka sɛ: Bere a ɛsɛ mu na matie wo, na nkwagye da na maboa wo; hwɛ, afei ne adom bere, hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.
Asomafo no adansedi nhoma
3Na yɛnto obiara hintidua na wɔannya mfomso biara wɔ yɛn som ho, 4#2 Ko 4.2 na mmom nneɛma nyinaa mu, yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo: Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometew mu; 5#2 Ko 11.23-27 ɔhwe mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, apɛsi mu, mmuada mu; 6#1 Tim 4.12 ahotew mu, nimdeɛ mu, abodwokyɛre mu, ayamye mu, Honhom Kronkron mu, ɔdɔ a nkontompo nni mu mu; 7#1 Ko 2.4 nokware asɛnka mu, Onyankopɔn tumi mu, trenee akode mu wɔ nifa ne benkum; 8anuonyam ne animguase mu, atenka bɔne ne atenka pa mu; sɛ asisifo nanso wɔyɛ anokwafo, 9#2 Ko 4.10-11; Nnw 118.18 sɛ wɔn a wonnim wɔn, nanso wonim wɔn yiye, sɛ wɔn a wɔrewu, na hwɛ, yɛte ase; sɛ wɔn a wɔtwe wɔn aso, nanso wonkum wɔn; 10#Flp 4.12-13 sɛ awerɛhowfo, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafo, nanso wɔma nnipa pii nya wɔn ho; sɛ wɔn a wonni hwee, nanso wɔwɔ nneɛma nyinaa.
Ɔdɔ ho adesrɛ
11O Korintofo, yɛaka no pefee akyerɛ mo, yɛn komam atrɛw. 12Ɛnyɛ yɛn mu na monsen, na mo ankasa mo yam na monsen. 13#1 Ko 4.14 Na mo nso — meka eyi mekyerɛ mo sɛ mma — montrɛw mo mu saa ara mfa ntua ka.
Ɔbra wɔne abosonsomfo ntam ayɔnkofa
14 #
Efe 5.11
Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? 15Na biakoyɛ bɛn na ɛwɔ Kristo ne Belial ntam? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ? 16#1 Ko 3.16; Lew 26.12 Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔrefi, sɛnea Onyankopɔn aka sɛ:
Mɛtena wɔn mu,
na manantew wɔn mu,
na mayɛ wɔn Onyankopɔn,
na wɔayɛ me ɔman.
17 #
Yes 52.11; Adi 18.4 Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho mfi wɔn mu,
Awurade na ose,
na monnka nea ɛyɛ fi;
na me nso magye mo,
18 #
Yer 31.9; 32.38 na mayɛ mo agya,
na moayɛ me mmammarima ne mmabea,
Awurade Tumfo na ose.
Currently Selected:
2 Korintofo 6: RATB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.